Pular para o conteúdo
Publicidade

Levítico 25

Homeda Afe

1 Mose Sinai Bepɔw so no, Awurade ka kyerɛɛ no se, 2 "Ka kyerɛ Israelfo no se, mudu asase a mede rebɛma mo no so a, mfe ason biara, momma asase no nya Awurade mu homeda. 3 Momfa mfe asia nnua mo nnɔbae mo mfuw mu na munyiyi mo bobe nturo mu na muntwa mo nnɔbae. 4 Na mfe ason so no, asase no nna kwa Awurade anim. Monnyɛ so hwee. Munnnua so aba. Afe no nyinaa mu, munnyiyi mo bobe nturo no mu. 5 Na aba biara a ebefifi no, monntew mfa, na bobe no nso, mommmoaboa ano mfa. Efisɛ ɛyɛ afe a ɛsɛ asase no home. 6 Nanso aba biara a asase no bɛma saa afe no bɛyɛ aduan ama wo ne wʼakoa, wʼafenaa, wo paani ne wo hɔho, 7 wo nyɛmmoa ne wuram mmoa a ɛwɔ asase no so nyinaa. Munni biribiara a asase no bɛma biara.

Mfirihyia Aduonum Afahyɛ

8 " Bubu Homeda mfe ason, mfe ason ahorow ason, na wubenya mfe aduanan akron. 9 Afei, ɔsram a ɛto so ason no da du no Mpata Da. Monhyɛn torobɛnto baabiara. Mpata Da no, monhyɛn torobɛnto no denneennen nkyɛ ɔman no mu baabiara. 10 Montew mfe aduonum no ho na mompae ahofadi mma wɔn a wɔtete asase no so mmaa nyinaa. Ɛbɛyɛ mfirihyia aduonum afahyɛ ama mo, na mo mu biara bɛsan akɔ asase a wɔde ama mo agyanom no so, na moakɔka mo abusuafo ho. 11 Mfe aduonum so no bɛyɛ mfirihyia aduonum afahyɛ ama mo; munnnua biribiara na munntwa nnɔbae biara, na bobe a moadua nso, monntew so aba. 12 Efisɛ ɛyɛ mfirihyia aduonum afahyɛ, na ɛsɛ ɛyɛ sononko na ɛho tew. Munni nea munya fi asase no mu nko ara.

13 " Saa mfirihyia aduonum afahyɛ yi, obiara bɛkɔ asase a wɔde maa nʼagyanom no so.

14 " wo ne wo yɔnko nhyehyɛe a wonam so retɔ anaa woretɔn agyapade bi a, ɛnsɛ obi sisi ne yɔnko. 15 woretɔ asase afi wo yɔnko nkyɛn a, mobɛkan mfe dodow no so fa afi Mfirihyia Aduonum Afahyɛ a etwaa mu no. Ɔdetɔnfo no begye wo bo a egyina mfe dodow a aka ansa na mfirihyia aduonum afahyɛ a ɛreba no. 16 Mfe no dodow na ɛma ɛbo no soro. Saa ara nso na mfe kakra bi ma ɛbo no fam. Eyinom nyinaa mu no, onipa a ɔretɔn asase no retɔn otwa dodow a wobetwa afi asase no so. 17 Munsuro mo Nyankopɔn na obi ansisi ne yɔnko. Na mene Awurade.

18 " mopɛ motena asase no so asomdwoe mu de a, munni me mmara so. 19 moyɛ osetie a, aduan bebu so asase no so na moadi amee asomdwoe mu. 20 Mubebisa se, "Na wose yennnua anaa yenntwa saa afe no so a, dɛn na yebedi mfe ason no so no?" 21 Mmuae ara ne , mfe asia no so, mehyira mo ama nnɔbae aba abu so kosi mubetwa mfe awotwe mu nnɔbae no. 22 mudua nnɔbae mfe awotwe no mu a, mobɛkɔ so adi afe a etwaa mu no mu nnuan. Nokware, nnuan dedaw no na mubedi akosi otwabere bedu so mfe akron no mu.

23 " Na monkae asase no me dea enti munni ho kwan motɔn no afebɔɔ. Moyɛ ahɔho na meyɛ asase wura ma mo. 24 Asasetɔn mu no, ɛsɛ moyɛ nhyehyɛe asasetɔnfo no tumi san begye asase no bere biara.

25 " ohia hia obi ma ɔtɔn nʼasase fa bi a, nʼabusuafo tumi begye. 26 onni obi a obegye ama no na ɔno ankasa nya sika a, 27 wɔbɛsese ɛso nnɔbae a wɔatwa ansa na Ahosɛpɛw Afe no reba na wɔagyina so atua ka no, na nea ɔtɔe no nso adan asase no ama no. 28 Na nea asase no ne de no ankasa antumi annye a, ɛno de, ɛbɛyɛ nea ɔtɔ no dea ara kosi Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no, na nea ɔtɔe no de onipa no ade asan ama no.

29 " obi tɔn ofi kurom a, ɔwɔ afe a otumi san gye nʼade a biribiara nsiw no ho kwan. 30 Na afe no mu wantumi annye a, ɛbɛyɛ nea ɔtɔe no de korakora. Ɔrensan mfa mma onipa a kan no na ɛyɛ ne dea no Ahosɛpɛw Afe no mu. 31 Nanso akuraa dan a wɔntoo ɔfasu ntwaa ho nhyiae te agyapade a ɛwɔ wuram de, wotumi san kogye no bere biara, na Mfe Aduonum Afahyɛ mu no, ɛsɛ wɔsan de ma ne wura ankasa.

32 " Asɛm baako bi na ɛnka ho. Lewifo afi a ɛwɔ nkurow a wɔde afasu atwa ho mu no, wotumi san gye no bere biara. 33 Enti Lewifo de, wotumi gye wɔn agyapade; wɔn kurow biara mu ofi a wɔtɔnee, ɛsɛ wɔdan ma wɔn wuranom Ahosɛpɛw Afe no mu, efisɛ afi no wɔn dea. 34 Ɛnsɛ wɔtɔn nsase a atwa Lewifo no nkurow ho ahyia, efisɛ eyinom wɔn agyapade afebɔɔ a ɛnsɛ wɔne obiara kyɛ.

35 " ohia hia wo nua a, ɛsɛ woboa no; ma no mmra ma ɔmmɛtena bi. 36 Suro wo Nyankopɔn na ma wo nua ntena wo nkyɛn; na wobɔ no bosea a, nnye no ho mfɛntom. 37 Kae worennye ho mfɛntom biara; na ma no biribiara a ɛho hia no na ɛnyɛ wo ka. Mpɛ mfaso! 38 Efisɛ me Awurade a meyɛ mo Nyankopɔn no yii mo fii Misraim de Kanaan asase maa mo sɛnea mɛyɛ mo Nyankopɔn.

39 " ohia hia wo yɔnko Israelni na ɔtɔn ne ho ma wo a, nhyɛ ne so ɔdɔnkɔ; 40 na mmom, no obi a wutua no ne som a ɔsom ho ka, anaa fa no wo hɔho na ɔnsom wo nkosi Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no. 41 Edu saa bere no a, ɔne ne mma nyinaa tumi tu de wɔn agyapade nyinaa wɔn abusuafo nkyɛn. 42 Efisɛ Israelfo no mʼasomfo a mede wɔn fi Misraim asase so bae; ɛnsɛ wɔtɔn wɔn nkoa. 43 Mommfa atirimɔden nni wɔn so; munsuro mo Nyankopɔn.

44 " Nanso mubetumi atɔ asomfo afi aman afoforo a atwa mo ho ahyia no so. 45 Saa ara nso na mutumi ahɔho a mo ne wɔn te no mma a ɛmfa ho wɔte mo mu. 46 Mubetumi ayɛ wɔn nkoa afebɔɔ ama mo ne mo nkyirimma, nanso mo nuanom Israelfo no de, ɛnsɛ moyɛ wɔn saa.

47 " ɔhɔho a ɔte mo mu no bɛyɛ ɔdefo, na Israelni di hia, na ɔtɔn ne ho ma ɔhɔho no anaa ɔhɔho no abusuafo a, 48 ɔwɔ kwan wogye no ne tɔn akyi; ne nuanom bi tumi begye no. 49 Saa ara nso na ne wɔfa, ne wɔfaase anaa ne ho nipa bi a ɔbɛn no tumi gye no ara ne no. ɔno ara nso benya sika a, otumi de begye ne ho. 50 Ne ho a obegye no gyina mfe a aka na Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no adu ne sika dodow a anka wɔde kɔfaa ɔsomfo a, anka obegye saa mfe a aka no mu no so. 51 aka mfe pii ansa na Ahosɛpɛw Afe no aso a, obetua sika a ogyee bere a ɔtɔn ne ho no nyinaa. 52 mfe no pii atwam ama aka kakra na Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no adu a, ɛno de, obetua sika a ogyee bere a ɔtɔn ne ho no mu kakraa bi. 53 ɔtɔn ne ho ma ɔhɔho a, ɔhɔho no bɛfa no ne somfo a otua no ka. Ɛnsɛ ɔfa no ne somfo koraa anaa nʼagyapade.

54 " Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no du na wonnyee no a, wobegyaa ɔne ne mma nyinaa, 55 efisɛ wɔyɛ mʼasomfo. Mede wɔn fi Misraim na ɛbae. Mene Awurade mo Nyankopɔn no.

Veja também