Publicidade

Êxodo 1

Israelfoɔ Misraim

1 Yakob mma ne wɔn abusuafoɔ a wɔne no tu kɔtenaa no din na ɛdidi so yi.

2 Ruben, Simeon, Lewi ne Yuda;

3 Isakar, Sebulon ne Benyamin;

4 Dan, Naftali;

Gad ne Aser.

5 Yakob asefoɔ a ɔne wɔn kɔeɛ no nyinaa ano si aduɔson. Na Yosef Misraim dada.

6 Yosef ne ne nuanom ne wɔn ɛberɛ sofoɔ no nyinaa wuwuiɛ, 7 nanso Israelfoɔ no ase dɔreeɛ, na wɔyɛɛ bebree, hyɛɛ asase no so ma.

8 Na ɔhene foforɔ bi bɛdii adeɛ Misraim a na ɔnnim Yosef ho asɛm. 9 Ɔka kyerɛɛ ne mamfoɔ no , "Monhwɛ, Israelfoɔ yi ase adɔre, wɔreyɛ adɔɔso dodo ama yɛn. 10 Momma yɛmpɛ ɛkwan bi na yɛmfa so nsi saa dɔre a wɔredɔre no ano. yɛanyɛ saa na ɔko bi si a, wɔbɛdɔm yɛn atamfoɔ ne wɔn ako atia yɛn na wɔafiri ɔman yi mu."

11 Enti wɔde nkoa sohwɛfoɔ gyinagyinaa wɔn kɔn so ma wɔyɛɛ adwuma den de kyekyeree adekora nkuropɔn Pitom ne Rameses maa Farao. 12 Nanso mpɛn dodoɔ a Misraimfoɔ no hyɛɛ wɔn so no, ara na Israelfoɔ no dɔɔso. Yei maa Misraimfoɔ no suroo Israelfoɔ 13 na wɔkɔɔ so hyɛɛ Israelfoɔ no so ketee. 14 Wɔde adwumadenyɛ dii Israelfoɔ no nya. Wɔma wɔyɛɛ ntayaa ne dɔteɛ ho adwuma a ɛyɛ den ne mfuom nnwuma ahodoɔ. Yeinom nyinaa akyiri no Misraimfoɔ yɛɛ atirimuɔden akwan bebree so kyerɛɛ Israelfoɔ no.

15 Misraimhene ka kyerɛɛ Hebrifoɔ awogyefoɔ a wɔn din ne Sifra ne Pua , 16 "mokɔgye Hebrini biara awoɔ, na awoeɛ mohunu ɔyɛ ɔbabarima a, monkum no, na ɔyɛ ɔbabaa deɛ a, monnyɛ no hwee." 17 Esiane na awogyefoɔ no onyamesurofoɔ no enti, wɔanni mmara a ɔhene no hyɛɛ wɔn no so maa mmarimaa a wɔwowoo wɔn no tenaeɛ. 18 Ɔhene no frɛɛ wɔn bisaa wɔn , "Adɛn enti na moanni mmara a mehyɛeɛ no so na moama mmarimaa a Hebrifoɔ no wowoo wɔn no atena?"

19 Wɔbuaa no , "Hebrifoɔ mmaa no de ahoɔden wo ɔherɛ so enti yɛbɛduru no, na wɔawo dada. Wɔnte Misraimfoɔ mmaa no."

20 Onyankopɔn hyiraa awogyefoɔ no. Na Israelfoɔ no dɔɔso ara bɛyɛɛ ɔman kɛseɛ. 21 Esiane na awogyefoɔ no nyamesurofoɔ enti, Onyankopɔn domm wɔn mma.

22 Afei, Farao hyɛɛ mmara Herbrifoɔ mmarimaa a wɔbɛwo wɔn foforɔ no, wɔnto wɔn ngu Asubɔnten Nil mu na mmaayewa a wɔbɛwo wɔn foforɔ no deɛ, wɔntena .

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-