Publicidade

Êxodo 19

Israelfoɔ Duru Sinai Bepɔ Ho

1 Anadwo a Israelfoɔ no tu firii Misraim no, nʼabosome mmiɛnsa so na wɔde kɔduruu Sinai ɛserɛ so. 2 Wɔtu firii Refidim no, wɔbɛduruu Sinai Bepɔ ase bɔɔ atenaseɛ . Mose foro kɔɔ bepɔ no so kɔhyiaa Onyankopɔn.

3 Mose kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn bepɔ no so na Awurade frɛɛ no firii bepɔ no so kaa , "Ka saa nsɛm yi kyerɛ Yakob asefoɔ Israelman , 4 Moahunu deɛ meyɛɛ Misraimfoɔ no ne ɛkwan a menam so de mo baa me nkyɛn te deɛ na mote ɔkɔdeɛ ntaban so no. 5 mobɛtie me, na moadi mʼahyɛdeɛ so a, mobɛyɛ me nnwankuo ketewa asase so aman nyinaa mu, ɛfiri , asase nyinaa me dea. 6 Na mobɛyɛ asɔfoɔ ahemman a ɛyɛ ɔman kronkron ama Onyankopɔn.Saa nsɛm yi na ka kyerɛ Israelfoɔ no."

7 Mose siane firii bepɔ no so baeɛ no, ɔfrɛɛ mpanimfoɔ a wɔtuatua nnipa no ano nyinaa na ɔkaa asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ wɔn. 8 Wɔtee asɛm no, wɔn nyinaa gyee so , "Yɛbɛyɛ biribiara a Awurade aka yɛnyɛ no nyinaa." Enti, Mose kɔkaa nsɛm a nnipa no aka no kyerɛɛ Awurade.

9 Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Merebɛba wo nkyɛn omununkum sɛdeɛ ɛbɛyɛ na me ne wo kasa a, nnipa no bɛte me nne na ɛnam so ama wɔagye wo adi daa.

10 "Siane nnipa no nkyɛn na kɔhwɛ wɔasiesie wɔn ho rehwɛ me ɛkwan. Fa ɛnnɛ ne ɔkyena te wɔn ho. Ma wɔnsi wɔn nneɛma nyinaa. 11 Na ɔkyena akyiri mɛsiane aba Sinai Bepɔ no so a ɔmanfoɔ nyinaa rehwɛ ɛkwan. 12 Twitwa ahyeɛ sɛdeɛ nnipa no rentra na ka kyerɛ wɔn , Monhwɛ yie. Mommforo nkɔ bepɔ no atifi na monnkɔ nʼahyeɛ no nso so; obiara a ɔbɛbu saa mmara yi so no, ɔbɛwu. 13 ɔyɛ onipa anaa a, obiara nsɔ ne mu. Na mmom, wɔbɛsi no aboɔ anaasɛ wɔbɛtoto agyan awowɔ no ama wawu.Montwe mo ho mfiri bepɔ no ho koraa kɔsi totorobɛnto bi bɛhyɛne ntwemu so; ɛba saa a, momforo nkɔ bepɔ no so!"

14 Mose siane firii bepɔ no so kɔɔ nnipa no nkyɛn kɔtee wɔn ho ma wɔsii wɔn nneɛma nyinaa. 15 Ɔka kyerɛɛ wɔn , "Monsiesie mo ho, na aka nnansa na Onyankopɔn aba, enti obiara nnkɔ ɔbaa ho."

16 Nnansa so anɔpa pɛpɛɛpɛ, aprannaa a ano den bobɔɔ mu, ma ayerɛmo pepaeɛ, ma omununkum kabii bi siane firii bepɔ no so. Totorobɛnto bi hyɛnee ntwemu so ma nnipa a wɔwɔ no nyinaa ho popoeɛ. 17 Mose dii nnipa no anim firi wɔn atenaeɛ wɔrekɔhyia Onyankopɔn. Wɔn nyinaa kɔboaa wɔn ho ano bepɔ no ase. 18 Wisie kumɔnn kataa Sinai Bepɔ no so, ɛfiri , Awurade siane baa so ogya. Wisie buaa ewiem nyinaa te deɛ ɛfiri fononoo mu, na asasewosoɔ wosoo bepɔ no dendeenden. 19 Totorobɛnto no hyɛnee dendeenden pa ara no, Mose kasaeɛ na Onyankopɔn nso de nne kɛseɛ buaeɛ.

20 Enti, Awurade baa Sinai Bepɔ no atifi, na ɔfrɛɛ Mose maa ɔforo kɔɔ ne nkyɛn. 21 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Sane wʼakyi nnipa no nkyɛn na kɔbɔ wɔn kɔkɔ wɔnntra ahyeɛ no. Wɔnnyɛ wɔn adwene nso wɔreforo aba soro ha abɛhwɛ Awurade. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no bɛwuwu. 22 Asɔfoɔ a wɔwɔ wɔn nnwuma so no mpo nnwira wɔn ho, anyɛ saa a, Awurade bɛsɛe wɔn."

23 Mose nso buaa Awurade , "Nnipa no deɛ, wɔremforo mma bepɔ no atifi, ɛfiri , woabɔ wɔn kɔkɔ dada. Woka kyerɛɛ me mentwitwa ahyeɛ mfa bepɔ no ho na menka nkyerɛ nnipa no , obiara nnkɔ , ɛfiri , ɛhɔ Onyankopɔn dea."

24 Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Siane fam na kɔfa Aaron bra. Mma asɔfoɔ no ne nnipa no ntra ahyeɛ no wɔreba ha. Wɔyɛ saa a, mɛsɛe wɔn."

25 Enti, Mose siane kɔɔ bepɔ no ase kɔkaa asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ no no kyerɛɛ wɔn.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-