Publicidade

Êxodo 15

Ɔgyeɛ Ho Dwom

1 Afei, Mose ne Israelfoɔ too saa dwom yi de kamfoo Awurade:

"Mɛto dwom mama Awurade, ɛfiri ,

wadi nkonim animuonyam mu;

Wato ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no

agu ɛpo mu.

2 "Awurade mʼahoɔden, me dwom

ne me nkwagyeɛ.

Ɔyɛ me Onyankopɔn, na mɛkamfo no.

Ɔyɛ mʼagya OnyankopɔnMɛma no so.

3 Awurade ɔkofoɔ;

Aane, ne din ne Awurade.

4 Farao nteaseɛnam ne nʼakodɔm, wato wɔn agu

Ama wɔamem Ɛpo Kɔkɔɔ mu.

Misraim akofoɔ atitire

awuwu asorɔkye ase.

5 Nsuo akata wɔn so.

Wɔmemem subunu mu ɛboɔ.

6 Wo nsa nifa, Ao, Awurade,

tumi ne animuonyam ahyɛ no ma.

Wo nsa nifa, Ao, Awurade,

atete atamfoɔ mu pasaa.

7 "Wo tumi kɛseɛ no mu,

wotuu wɔn a wɔtia wo no guiɛ.

Womaa wʼabufuhyeɛ

bɛhyee wɔn ogya hye ɛserɛ.

8 Wogu ahome a,

nsuo mu pae.

Ɛgyinaa afasuo

ma ɛpo taa ɛfa ne ɛfa.

9 Ɔtamfoɔ de ahomasoɔ kaeɛ ,

Mɛtaa wɔn, mɛto wɔn, asɛe wɔn.

Na makyɛ afodeɛ no mu.

Mɛtwe mʼakofena wɔn so

atwitwa wɔn asinasini.

10 Nanso, Onyankopɔn bɔɔ ne mframa

maa ɛpo kataa wɔn so.

Wɔmemem sumpii

subunu no mu.

11 Hwan na ɔte Awurade anyame mu?

Hwan na ɔte wo?

Ɔberempɔn kronkronyɛ mu;

deɛ yɛde surokronkron ma nʼanimuonyam,

na ɔyɛ anwanwadeɛyɛfoɔ Onyankopɔn.

12 "Wotenee wo nsa nifa

na asase menee wɔn.

13 Woadi nnipa a wogyee wɔn no anim,

wʼayamyɛ mu.

Wonam anwanwakwan so adi wɔn anim

de wɔn aba wʼasase kronkron no so.

14 Amanaman tee asɛm a ɛsiiɛ ma wɔn ho popoeɛ.

Ehu aka nnipa a wɔwɔ Filistia.

15 Edom mpanimfoɔ ho adwiri wɔn.

Atumfoɔ a wɔwɔ Moab ho woso.

Na nnipa a wɔwɔ Kanaan nyinaa abɔ huboa.

16 Ehu ne suro afa wɔn so.

Ao, Awurade, wo tumi enti,

wɔremma yɛn so!

Wo nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔn

bɛtwa wɔn ho asomdwoeɛ mu.

17 Wode wɔn bɛba abɛdua wɔn

wo bepɔ so,

wo ara wo efie , Awurade

Kronkronbea a woasiesie wo tenabea no.

18 "Awurade bɛdi ɔhene

akɔsi daa."

19 Farao apɔnkɔ, nʼapɔnkɔkafoɔ ne ne nteaseɛnam pɛɛ wɔfa ɛpo no mu; nanso, Awurade buu nsuo afasuo no guu wɔn so ɛberɛ a na Israelfoɔ no nam mu asase wesee no. 20 Ɛhɔ na Odiyifoɔ baa Miriam a ɔyɛ Aaron nuabaa faa twene bi de dii mmaa no anim ma wɔsaeɛ. 21 Ɛnna Miriam too saa dwom yi:

"Monto dwom mma Awurade

na wadi nkonim animuonyam mu.

Wama ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ

amem ɛpo ase."

22 Afei, Mose dii Israelfoɔ no anim ne wɔn tu firii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur ɛserɛ so. Na wɔnantee ɛserɛ no so nnansa a wɔannya nsuo annom. 23 Wɔduruu Mara no, wɔantumi annom ɛhɔ nsuo, ɛfiri , na ɛyɛ nwono. Ɛno enti na wɔfrɛ Mara no; aseɛ ne: Nwononwono. 24 Afei, nnipa no danee wɔn ani tiaa Mose , "Osukɔm nku yɛn anaa?"

25 Mose srɛɛ Awurade ɔmmoa wɔn, na Awurade kyerɛɛ no dua bi. Na ɔtoo dubaa no too nsuo no mu, na ɛyɛɛ maa wɔtumi nomeeɛ.

Mara na Awurade hyɛɛ saa mmara yi maa wɔn , 26 "mobɛtie Awurade mo Onyankopɔn nne, na moayɛ ɔsetie, ayɛ ade tenenee deɛ a, yadeɛ a mema ɛbɔɔ Misraimfoɔ no, meremma bi mmɔ mo, ɛfiri , mene Awurade a mesa mo nyarewa."

27 Wɔbaa Elim a ɛhɔ na na nsubura dumienu ne mmɛdua aduɔson enti, wɔsisii wɔn ntomadan, tenaa nsubura no ho.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-