Pular para o conteúdo
Publicidade

Êxodo 2

Mose Awoɔ

1 Saa ɛberɛ no mu, Lewini bi waree abaayewa bi firii Lewi abusuakuo mu. 2 Ɔbaa no nyinsɛnee, woo abarimaa. Abɔfra no maame hunuu ne ho yie enti ɔde no siee efie abosome mmiɛnsa. 3 Ɛduruu ɛberɛ bi no, na ɔde no sie a ɛnyɛ yie enti, ɔde mmɛwa nwonoo kɛntɛn bi de ɛhyɛ ne aman faa ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nsuo ntumi nkɔ mu. Ɔde abɔfra no too mu de no kɔsii asuo Nil konkɔn so wura a na ɛwɔ no bi mu. 4 Abɔfra no nuabaa kɔgyinaa akyiri baabi a na ɔwɛn no.

5 Farao babaa kɔɔ nsuo no mu ɔrekɔdware. Ɛberɛ a ɔne ne mmaawa nam asuo no konkɔn so no, ɔhunuu kɛntɛn no ɛhyɛ wiram baabi, enti ɔsomaa ne mmaawa no mu baako ɔnkɔfa mmrɛ no. 6 Ɔde baeɛ a ɔbuee so no, ɔhunuu abarimaa bi da mu a ɔresu. Asɛm no yɛɛ no awerɛhoɔ. Ɔkaa , "Ɔyɛ Hebrifoɔ yi binom ba."

7 Abɔfra no nuabaa a na ɔrewɛn no no kɔɔ ɔhene babaa no nkyɛn kɔbisaa no , "Menkɔfrɛ Hebrifoɔ mmaa no baako na ɔmmɛhwɛ no mma wo anaa?"

8 Ɔhene babaa no buaa , "Aane." Enti, abaayewa no tuu mmirika kɔɔ efie kɔfrɛɛ abɔfra no maame de no baeɛ. 9 Ɔhene babaa no ka kyerɛɛ no , "Fa abɔfra no efie na kɔhwɛ no ma me na mɛtua wo ho ka." Enti, ɔde no kɔɔ efie kɔhwɛɛ no. 10 Ɔnyinii kakra no, ɔde no brɛɛ ɔhene babaa no ma ɔgyee no de no yɛɛ ne ba. Ɔkaa , "Mɛto ne edin Mose ɛfiri meyii no firii nsuo mu."

Mose Dwane Midian

11 Mose nyiniiɛ no, ɛda bi, ɔkɔsraa ne manfoɔ Hebrifoɔ no. Ɔduruu no, ɔhunuu ne manfoɔ no reyɛ adwumaden. Nsrahwɛ no mu na Mose hunuu Misraimni bi reboro Hebrini a ɔyɛ ne nua. 12 Mose hwɛɛ ha hwɛɛ ha hunuu obiara nni no, ɔkumm Misraimni no tutuu fam de no hyɛɛ . 13 Adeɛ kyeeɛ no, ɔsane kɔɔ Hebrifoɔ no nsrahwɛ. Ɔduruu no, na wɔn mu baanu reko. Ɔbisaa deɛ nʼasɛm nyɛ no , "Ɛdeɛn na woreyɛ yi a worebobɔ wo nua Hebrini saa?"

14 Ɔbarima no nso bisaa no , "Wofiri he? Hwan na ɔde wo yɛɛ yɛn sodifoɔ ne ɔtemmufoɔ? Anaasɛ woayɛ wʼadwene wobɛkum me sɛdeɛ nnora wokumm Misraimni no?" Mose hunuu bɔne a wayɛ no ho ada no, ɔsuroeɛ.

15 Na Farao nso tee asɛm no, ɔhyɛɛ wɔnkɔfa Mose mmra na wɔnkum no. Nanso, Mose dwane kɔɔ Midian2.15 Na Midian yɛ Abraham mmammarima no mu baako (1 Mose 25.2). Na Midianfoɔ no te Sinai atifi fam. asase so. Ɛda bi a Mose kɔtenaa abura bi ho no, 16 Midian ɔsɔfoɔ mmammaa baason bi baa wɔrebɛto nsuo de akɔma wɔn agya nnwan. 17 Nanso, nnwanhwɛfoɔ bi pampam mmaayewa no. Mose bɛgyee wɔn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam maa mmaayewa no nnwan no nyaa nsuo nomeeɛ.

18 Wɔsane kɔduruu wɔn agya Reuel2.18 Reuel yɛ Yetro din foforɔ. nkyɛn no, ɔbisaa wɔn , "Ɛyɛɛ dɛn na ɛnnɛ deɛ monyaa nsuo maa nnwan yi nom ntɛm seyie?"

19 Wɔka kyerɛɛ wɔn agya , "Misraimni bi na ɔgyee yɛn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam. Ɔno ara na ɔtoo nsuo maa yɛn nnwan no nomeeɛ."

20 Wɔn agya bisaa , "Na ɔwɔ he? Mogyaa no anaa? Monkɔfrɛ no na ɔmmɛdidi."

21 Mose kɔɔ Reuel frɛ no. Akyire yi no, ɔne wɔn kɔtenaeɛ ma Reuel de ne babaa Sipora maa no awadeɛ. 22 Wɔwoo ɔbabarima ma Mose too no edin Gersom, aseɛ ne Ɔhɔhoɔ, ɛfiri , Mose kyerɛ aseɛ , "Meyɛ ɔhɔhoɔ ananafoɔ asase so."

23 Mfeɛ bi akyiri no, Misraimhene no wuiɛ. Na Israelfoɔ no resi apinie wɔn nkoasom no mu. Enti na wɔresu frɛ Onyankopɔn. 24 Onyankopɔn nso tiee wɔn sufrɛ no, kae ɛbɔ a ɔhyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob ɔde nʼasefoɔ bɛsane aba Kanaan asase so no. 25 Onyankopɔn hwɛ hunuu ɛberɛ aduru ɔgye wɔn.

Veja também