Publicidade

Êxodo 3

Mose Ne Gyaframa No

1 Ɛda bi na Mose rehwɛ nʼase Yetro a ɔyɛ Midian ɔsɔfoɔ nnwan. Ɔde nnwan no wuraa ɛserɛ no mu kɔɔ akyirikyiri kɔduruu Horeb a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔ3.1 Onyankopɔn bepɔ yɛ Bepɔ Sinai. no so. 2 Prɛko , na Awurade ɔbɔfoɔ daa ne ho adi gyaframa wira no mu kyerɛɛ no. Mose hunuu wira no redɛre nanso na ɛnhye. 3 Enti, Mose kaa , "Mɛkɔ akɔhwɛ anwanwadeɛ yi ahunu deɛ enti a wira no nhye."

4 Ɛberɛ a Awurade hunuu ɔrekɔhwɛ no, ɔfrɛɛ no firii wira no mu , "Mose! Mose!"

Mose gyee so , "Me nie."

5 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no , "Mmɛn me. Yi wo nan mu mpaboa na baabi a wogyina no asase kronkron." 6 Ɔtoaa so , "Mene wʼagyanom OnyankopɔnAbraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn." Mose kataa nʼanim, ɛfiri , na ɔsuro ɔbɛhwɛ Onyankopɔn anim.

7 Awurade ka kyerɛɛ no , "Mahunu amanehunu a me manfoɔ a wɔwɔ Misraim no mu, na mate wɔn nkotosrɛ a ɛfa wɔn nnwuma wuranom ho, na menim wɔn ahohiahia. 8 Maba merebɛgye wɔn afiri Misraimfoɔ nsam na mayi wɔn afiri Misraim asase so de wɔn akɔ asase pa soasase a ɛtrɛ; asase a ɛwoɔ ne nufosuo soasase a Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ te soɔ no so. 9 Mate Israelfoɔ no su, na mahunu nya a Misraimfoɔ di wɔn no. 10 Afei, merebɛsoma wo akɔ Farao nkyɛn, akɔyi me ɔman Israel afiri Misraim."

11 Mose bisaa , "Mene hwan a mɛtumi akɔ Farao anim akɔka merebɛyi Israelfoɔ afiri Misraim asase so?"

12 Onyankopɔn buaa no , "Mɛka wo ho. Adansedeɛ a ɛkyerɛ me na masoma wo no nie. woyi nnipa no firi Misraim a, mobɛsom Onyankopɔn saa bepɔ yi so."

13 Mose bisaa , "mekɔ Israelfoɔ no nkyɛn kɔka , wɔn agyanom Onyankopɔn na wasoma me na wɔbisa me . Onyankopɔn bɛn na mereka ne ho asɛm noa, mmuaeɛ bɛn na memfa mma wɔn?"

14 Ɔbuaa Mose , ka , "Mene deɛ ɔwɔ daa no. Ka kyerɛ wɔn , Me Ara na wasoma me mo nkyɛn.’ "

15 Onyankopɔn toaa so , "Awurade a ɔyɛ mo nananom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn." Yei ne me edin a wɔde bɛkae me ɛda biara firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.

16 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no , "Frɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ nyinaa hyia na ka hunu a wohunuu Awurade wira a na ɛredɛre mu no kyerɛ wɔn. Afei, ka asɛm a meka kyerɛɛ wo , Makɔsra me nkurɔfoɔ na mahunu deɛ aba wɔn so Misraim no kyerɛ wɔn. 17 Mehyɛ mɛyi wɔn afiri amanehunu ne animguaseɛ a wɔwɔ mu no mu na mede wɔn akɔ asase a Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ te so ɛnnɛ yi a ɛwoɔ ne nufosuo so no so.

18 "Israelfoɔ mpanimfoɔ bɛtie wʼasɛm na wɔne wo akɔ Misraimhene akɔka akyerɛ no , Awurade, Hebrifoɔ Onyankopɔn, ne yɛn ahyia na waka akyerɛ yɛn , yɛntu nnansa ɛkwan nkɔ ɛserɛ so nkɔbɔ afɔdeɛ mma no. Enti, ma yɛn ɛkwan.19 Nanso, menim Misraimhene remma mo ɛkwan da, gye wɔhyɛ no ketee. 20 Enti, mɛhyɛ no ketee sɛdeɛ ɛsɛ. Menam anwanwakwan so bɛsɛe Misraim na akyire no, wama mo akɔ.

21 "Mɛma mo anim aba nyam Misraimfoɔ no anim na wɔahyehyɛ akyɛdeɛ ama mo, na moankɔ no nsapan. 22 Ɔbaa biara mmisa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinneɛ ne ntoma pa mfiri nʼafipamfoɔ ne ne fiefoɔ mmaa nkyɛn na wɔmfa nsiesie wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa ho. Wɔnam saa so bɛpansam Misraimfoɔ ahonyadeɛ te deɛ wɔafom asadeɛ."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-