Publicidade

Êxodo 37

Apam Adaka No

1 Afei, Besaleel yɛɛ Apam Adaka no. Ɔde okuo na ɛyɛeɛ. Na ne tenten anammɔn mmiɛnsa ne fa, ne tɛtrɛtɛ nso anammɔn mmienu ne fa ɛnna ne ɔsorokɔ nso anammɔn mmienu ne fa. 2 Na wɔde sikakɔkɔɔ duraa ɛho ne emu nyinaa ɛnna wɔde sikakɔkɔɔ hankra twaa ho hyiaeɛ. 3 Na wɔde sikakɔkɔɔ nkawa ahyehyɛ ne nan ɛnan no ho, a nkawa mmienu ɛfa baako na mmienu a aka no nso ɛfa baako. 4 Ɔsenee okuo nnua bi de sikakɔkɔɔ duraa ho. 5 Ɛnna wɔde nnua no hyehyɛɛ adaka no nkyɛn nkawa no mu, na wɔde asoa.

6 Afei, ɔde sikakɔkɔɔ mapa yɛɛ ne mmuasoɔ a wɔfrɛ no Mpata Dwa. Na ne ntentenemu anammɔn mmiɛnsa ne fa, ɛnna ne tɛtrɛtɛ nso anammɔn mmienu ne fa. 7 Ɔboroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ trawa de yɛɛ Kerubim mmienu ɛnna ɔde tetaree adaka no mmuasoɔ etire ne etire. 8 Wɔde Kerubim no tetare adaka no ti ne nʼanafoɔ, na ɛne adaka no nkatasoɔ no yɛɛ mua. 9 Na Kerubim no di nhwɛanimu a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ Mpata Dwa no na wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban mu akata so.

10 Afei, ɔde okuo yɛɛ ɛpono a ne tenten anammɔn mmiɛnsa; ne tɛtrɛtɛ anammɔn baako ne fa ɛnna ne ɔsorokɔ anammɔn mmienu ne fa. 11 Na wɔde sikakɔkɔɔ adura ho, ɛnna wɔayɛ ɛho sika hankra ahyia. 12 Wɔyɛɛ adaka no ho mfomfamho a ne tɛtrɛtɛ nsateakwaa ɛnan twaa ɛpono no ntɛntɛnoa ho hyiaeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ hankra faa ho. 13 Afei, ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa ɛnan na ɔde hyehyɛɛ ɛpono no nan ɛnan no nyinaa ase. 14 Ɔde nnua no hyehyɛɛ saa nkawa no mu a wɔde bɛpagya ɛpono no asoa. 15 Ɔde okuo nnua a ɔde sikakɔkɔɔ agu ho yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa. 16 Ɔde sikakɔkɔɔ amapa yɛɛ nwowaa, nsukuruwa ne nkoraa. Saa nneɛma yi na wɔde bɛdi ahwiesa afɔrebɔ ho dwuma.

17 Bio, ɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ kaneadua. Ne nnyinasoɔ, nʼabaa, deɛ wɔde nkanea no hyehyɛ mu ne nhwiren a wɔde siesiee no nyinaa bom adeɛ fua. 18 Kaneadua no nkorabata nsia a mmiɛnsa ɛfa na mmiɛnsa nso ɛfa. 19 Wɔde nhwiren mmiɛnsa siesiee nkorabata biara ho. 20 Na saa ara nso na kaneadua no, wɔadi nhwiren a ɛyɛ bi adwini de asiesie no. 21 Nhwiren no bi ne dua no ase nkorabata mmienu biara ase. Afei, nhwiren no bi nkorabata mmienu a ɛwɔ aseɛ no ase, ɛnna ebi nso nkorabata mmienu a ɛwɔ ɔsoro no so. Ne nyinaa nsia. 22 Deɛ wɔde siesiee kaneadua no ne ne nkorabata no nyinaa adeɛ fua a sikakɔkɔɔ amapa a wɔaboro na wɔde yɛeɛ.

23 Afei, ɔyɛɛ nkanea nson, adaban akapɛ, ne apaawa. Ne nyinaa wɔde sikakɔkɔɔ amapa na ɛyɛeɛ. 24 Na kaneadua no ne ɛho nneɛma mu duru kilogram aduasa ɛnan a ne nyinaa sikakɔkɔɔ.

25 Wɔde okuo na ɛyɛɛ aduhwam afɔrebukyia no. Wɔyɛɛ no ahinanan a ne fa biara susu nsateakwaa dunwɔtwe. Na ne ɔsorokɔ anammɔn mmiɛnsa a mmɛn a ɛtuatua ne ntweaso ntweaso no nso nyinaa ka bom ma ɛyɛ adeɛ fua. 26 Ɔde sikakɔkɔɔ kataa ne soro, ne nkyɛn ne mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no nyinaa. Na ɔde sikakɔkɔɔ ntotoano twaa afɔrebukyia no ho nyinaa hyiaeɛ. 27 Na ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu de bobɔɔ afɔrebukyia no afanu nkyɛn mu aseɛ a wɔde nnua a wɔde bɛsoa no bɛwurawura mu. 28 Nnua a na wɔde soa no okuo nnua a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho.

29 Ɔfaa nnuhwamyɛfoɔ mu abenfoɔ ɛkwan so yɛɛ srango kronkron a wɔde sra asɔfoɔ ne ɔhyeɛ nnuhwam nso.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-