Publicidade

Josué 22

Apueeɛ Fam Mmusuakuo No Sane Ba Efie

1 Afei, Yosua frɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no nyinaa. 2 Ɔka kyerɛɛ wɔn , "Moayɛ sɛdeɛ Mose, Awurade ɔsomfoɔ hyɛɛ mo monyɛ no na moadi ɔhyɛ asɛm biara a mehyɛ maa mo no so. 3 Ɛwom dwumadie no agye berɛ tenten bi deɛ, nanso moampa mmusuakuo a aka no akyi. Moato mo bo ase adi mmara a Awurade, mo Onyankopɔn hyɛ maa mo no so de abɛsi ɛnnɛ. 4 Na seesei Awurade, mo Onyankopɔn ama mmusuakuo a aka no ahomegyeɛ sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn no. Enti, monkɔ mo nkyi asase a Mose, Awurade ɔsomfoɔ no de maa mo Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no so. 5 Monhwɛ yie na monni mmara a Mose hyɛ maa mo no so. Monnɔ Awurade, mo Onyankopɔn. Monnante nʼakwan nyinaa so, monni nʼahyɛdeɛ so, monni no nokorɛ na momfa mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa nsom no."

6 Na Yosua hyiraa wɔn, gyaa wɔn kwan ma wɔkɔɔ fie. 7 Mose de Basan asase a ɛwɔ Yordan apueeɛ fam no maa Manase abusuakuo fa no. Abusuakuo no fa a aka no nso, wɔde asase no fa a ɛda Yordan atɔeɛ fam no maa wɔn. Yosua regya wɔn kwan no, ɔhyiraa wɔn, 8 kaa , "Agyapadeɛ bebrebe a moanya afiri mo atamfoɔ nkyɛn no, mo ne mo abusuafoɔ a wɔwɔ fie no nkyɛ. Anantwie dodoɔ ne nnwan bebrebe no, mo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, mo kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ ne aduradeɛ no nyinaa, mo ne wɔn nkyɛ."

9 Enti, Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no gyaa Israelfoɔ nkaeɛ no Silo a ɛwɔ Kanaan asase so. Wɔhyɛɛ wɔn akwantuo ase wɔresane akɔ wɔn ankasa asase a ɛwɔ Gilead, asase a na ɛyɛ wɔn dea dada a Awurade hyɛɛ Mose ma ɔde maa wɔn no so.

10 Wɔda so Kanaan no, ansa na wɔbɛtwa Asubɔnten Yordan no, Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no sii afɔrebukyia kɛseɛ bi Asubɔnten Yordan nkyɛn, faako a wɔfrɛ Gelilot no. 11 Israelfoɔ a wɔaka no tee wɔasi afɔrebukyia Gelilot Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam, Kanaan asase so no, 12 wɔn nyinaa boaa wɔn ho ano Silo, siesiee wɔn ho wɔrekɔko atia wɔn nuanom.

13 Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔtuu nnipa a ɔsɔfoɔ Eleasa babarima Pinehas tua wɔn ano kɔɔ Gilead. Wɔtwaa asubɔnten no wɔne Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no rekɔkasa. 14 Nnipa a wɔtuu wɔn no mpanimfoɔ edu a obiara gyina ma Israel mmusuakuo edu no mu baako, na ɔsane ɔkandifoɔ ma Israel mmusua no mu baako.

15 Na wɔduruu Gilead asase so no, wɔka kyerɛɛ Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no , 16 "Awurade asafokuo nyinaa wɔhunu deɛ enti a moredi Israel Onyankopɔn no hwammɔ. Adɛn enti na motumi dane mo ho firi Awurade ho, kɔsi afɔrebukyia de tia no? 17 Bɔne a yɛyɛɛ no Peor no nnɔɔso mmaa yɛn anaa? Yɛnnwiraa yɛn ho mfirii ho, ɔyaredɔm a ɛbɛtɔɔ Awurade asafokuo no nyinaa so akyi no mpo. 18 Nanso ɛnnɛ yi, moretwe mo ho afiri Awurade ho morenni nʼakyi?

" mosɔre tia Awurade ɛnnɛ a, ɔkyena ne bo bɛfu yɛn nyinaa. 19 mosusu efi aka mo asase enti afɔrebukyia ho hia mo a, ɛnneɛ mommɛka yɛn ho asuogya ha faako a Awurade ne yɛn te nʼAsɔrefie na yɛne mo bɛkyɛ yɛn asase mu. Na monnsɔre nntia Awurade na mommfa afɔrebukyia foforɔ a moasi ama mo ho so ntwe yɛn nkɔ atuateɛ mu. Awurade, yɛn Onyankopɔn nokorɛ afɔrebukyia baako . 20 Ɛberɛ a Akan a ɔfiri Serah abusua mu nam korɔno a ɔbɔɔ nneɛma a wɔayi asi ama Awurade, nam so yɛɛ bɔne no, Onyankopɔn antwe Israel manfoɔ nyinaa aso? Ɛnyɛ ɔno nko ara na ɛsiane bɔne no enti ɔwuiɛ.’ "

21 Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no buaa mpanimfoɔ no , 22 "Awurade nko ara ne Onyankopɔn! Awurade nko ara ne Onyankopɔn! Yɛansi afɔrebukyia no yɛde retia Awurade. saa na yɛayɛ a, ɛnnɛ, momfa yɛn ho nkyɛ yɛn. Nanso Awurade nim na Israel nyinaa nso nhunu , 23 yɛnnsii afɔrebukyia mmaa yɛn ho yɛrefiri Awurade nkyɛn. Na yɛremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ so nso. yei enti na yɛsii afɔrebukyia no a, Awurade no ankasa ntwe yɛn aso.

24 "Yɛasi saa afɔrebukyia yi, ɛfiri yɛsuro daakye bi mo asefoɔ bɛbisa yɛn asefoɔ , Tumi bɛn na mowɔ mobɛsom Awurade, Israel Onyankopɔn? 25 Awurade de Asubɔnten Yordan ato yɛn nkurɔfoɔ ne ne nkurɔfoɔ ntam ɛhyeɛ. Monni kyɛfa Awurade mu!Enti, mo asefoɔ bɛma yɛn asefoɔ agyae Awurade som.

26 "Ɛno enti yɛyɛɛ yɛn adwene yɛbɛsi afɔrebukyia, na ɛnyɛ yɛbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ so, 27 na mmom nkaeɛdum. Ɛbɛbɔ yɛn asefoɔ ne mo asefoɔ nkaeɛ , yɛn nso, yɛwɔ ho kwan yɛbɛsom Awurade ne kronkronbea, abɔ yɛn ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na daakye bi no, mo asefoɔ rentumi nka nkyerɛ yɛn asefoɔ no , Monni kyɛfa Awurade mu.

28 "wɔka sei a, yɛn asefoɔ bɛtumi aka , Monhwɛ Awurade afɔrebukyia sɛso a yɛn agyanom siiɛ. Wɔansi amma ɔhyeɛ afɔrebɔ anaa afɔrebɔ, na mmom, ɛyɛ nkae adeɛ a ɛkyerɛ ayɔnkofa a yɛn nyinaa Awurade mu.

29 "Ɛmpare yɛn yɛbɛsɔre atia Awurade, anaasɛ yɛbɛtwe yɛn ho afiri ne ho akɔsi yɛn ankasa afɔrebukyia ama ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ anaa afɔrebɔ. Awurade, yɛn Onyankopɔn afɔrebukyia a ɛsi ne Ahyiaeɛ Ntomadan anim no so na wɔdi saa dwuma no."

30 Ɔsɔfoɔ Pinehas ne mpanimfoɔ edu no tee nsɛm yi firii Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no, wɔn bo tɔɔ wɔn yam. 31 Ɔsɔfoɔ Eleasa babarima Pinehas buaa wɔn , "Ɛnnɛ yɛahunu Awurade yɛn ntam, ɛfiri , monyɛɛ bɔne ntiaa Awurade sɛdeɛ yɛsusuiɛ no, mmom moagye Israel nkwa afiri ɔsɛeɛ a anka Awurade de reba wɔn so."

32 Afei, Pinehas, ɔsɔfoɔ Eleasa babarima ne mpanimfoɔ edu no firii Ruben ne Gad mmusuakuo no nkyɛn Gilead sane kɔɔ Kanaan asase so kɔbɔɔ Israelfoɔ no amaneɛ. 33 Na Israelfoɔ no nyinaa bo tɔɔ wɔn yam, wɔyii Onyankopɔn ayɛ na wɔanka ɔko a wɔbɛko atia Ruben ne Gad ho asɛm bio.

34 Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ too afɔrebukyia no edin "Ɔdanseni," ɔyɛ ɔdanseni yɛne wɔn ntam Awurade yɛn nso Onyankopɔn.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-