3 Nʼagya ne ne maame ampene so kaa no anibereɛ so sɛ, "Enti, yɛn abusua yi mu anaa Israelfoɔ yi mu, ɔbaa baako mpo nni mu a wotumi ware no? Adɛn na ɛsɛ sɛ wokɔ Filistifoɔ abosonsomfoɔ mu kɔpɛ ɔyere?"
Nanso, Samson ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, "Kɔyɛ ne ho adeɛ ma me. Ɔno ara na mepɛ."