Pular para o conteúdo
Publicidade

Juízes 16

Samson Tutu Gasa Apono

1 Ɛda bi, Samson kɔɔ Filistifoɔ kuropɔn Gasa mu, na ɔne ɔbaa dwamanfoɔ bi kɔdaa anadwo no. 2 Ankyɛre na kuro mma no tee Samson , enti Gasa mmarima boaboaa wɔn ho ano na wɔtwɛnee kuro no ɛpono ano anadwo mu no nyinaa. Wɔyɛɛ komm anadwo no kaa , "Adeɛ kye a yɛbɛkum no."

3 Na Samson daa ara kɔsii dasuo mu. Ɔsɔre sɔɔ kuro no apono no ne nʼaponnwa mmienu mu hodwoo no, na ɔtutuu dadeɛ abaa a ɛda akyire ne deɛ ɛkeka ho nyinaa. Ɔde ne nyinaa guu ne mmatire so, soa de kɔɔ bepɔ bi a ɛne Hebron di nhwɛanimu no atifi.

Samson Ne Delila

4 Akyire no, Samson nyaa ɔbaa bi Sorek bɔnhwa no mu a na wɔfrɛ no Delila. 5 Filistifoɔ16.5 Na Filistia yɛ nkurotoɔ enum a aka abom a wɔwɔ ahemfo baanum. ntuanofoɔ kɔɔ ɔbaa no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no , "Hwɛ wobɛtumi adaadaa Samson ma wakyerɛ wo deɛ ɛma ɔnya ahoɔden saa ne sɛdeɛ yɛbɛtumi adi ne so, akyekyere no pampee. Na yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbena kilogram dumienu ne fa."

6 Enti, Delila ka kyerɛɛ Samson , "Mesrɛ wo kyerɛ me deɛ ɛma wo ahoɔden saa ne deɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi akyekyere wo pampee."

7 Samson buaa no , "obi de agyan so nhoma nson a ɛnwoeɛ kyekyere me a, mɛyɛ mmerɛ te onipa biara."

8 Enti, Filistifoɔ ntuanofoɔ no de agyan so nhoma nson a ɛnwoeɛ brɛɛ Delila maa ɔde kyekyeree Samson. 9 Saa ɛberɛ yi na ɔde mmarima atɛ adan a ɛwɔ ne fie no mu baako mu, na ɔteaam , "Samson, Filistifoɔ no aba rebɛkye wo!" Nanso, ɔtetee agyan nhoma nson a ɛnwoeɛ no mu te ahoma bi a wɔde aka ogya dɛreɛ. Enti, wɔanhunu nʼahoɔden no ahintasɛm.

10 Akyire yi, Delila ka kyerɛɛ no , "Wodii me ho , twaa me nkontompo. Afei, mesrɛ wo kyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛtumi akyekyere wo pampee."

11 Samson buaa no , "wɔde ntampehoma mono a wɔmfa nnii dwuma biara da kyekyere me a, meyɛ mmerɛ te onipa obiara."

12 Enti, Delila kɔfaa ntampehoma mono de kyekyeree no. Saa ɛberɛ no na mmarima no akɔtɛ dan mu te kane no. Bio, Delila teaam frɛɛ no , "Samson! Filistifoɔ aba wɔrebɛkye wo!" Nanso, Samson tetee ntampehoma no mu firii ne nsa so te asaawa bi.

13 Delila ka kyerɛɛ no , "Wodii me ho , twaa me nkontompo! Worenkyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛtumi akyekyere wo pampee anaa?"

Samson buaa no , "wonwono me tirinwi mmɛsa nson no ntoma bamma a ɛwɔ wʼakurokurowa no mu a, mɛyɛ mmerɛ te obiara." Enti ɔdaeɛ no, Delila bɔɔ ne tirinwi mmɛsa nson no 14 de bɔɔ ntoma bamma a ɛwɔ akurokurowa no so.

Bio, ɔteaam , "Samson! Filistifoɔ no aba rebɛkye wo!" Ɛhɔ ara, Samson nyaneeɛ, twee akurokurowa no yii ne tirinwi no firii ntoma bamma no mu.

15 Delila sɔm nʼano kaa , "Wotumi ka wodɔ me, ɛberɛ a wonka wo kokoamsɛm nkyerɛ me? Woadi me ho mprɛnsa, nanso wonkaa deɛ ɛma wo ahoɔden no nkyerɛɛ me!" 16 Odwan ne ho adekyeɛ biara kɔsii afei na wabrɛ no.

17 Ne korakora no, Samson kaa nʼahintasɛm kyerɛɛ no , "Wɔnyii me tirinwi da, ɛfiri , wɔde me maa Onyankopɔn Nasareni firi awoɔ mu. wɔyi me tirinwi a, mʼahoɔden no bɛfiri me mu ama mayɛ mmerɛ te obiara."

18 Delila hunuu afei deɛ waka nokorɛ akyerɛ no no, ɔsoma kɔfrɛɛ Filistifoɔ ntuanofoɔ no , "Mommra bio, ɛfiri waka biribiara akyerɛ me." Enti, Filistifoɔ ntuanofoɔ no sane wɔn akyi kɔfaa sika no baeɛ. 19 Delila dɛfɛdɛfɛɛ Samson ma ɔdaeɛ a, ne ti da ne srɛ so. Ɔfrɛɛ ɔbarima bi baeɛ ma ɔbɛyii ne tirinwi sɛdeɛ ne kyere no bɛyɛ yie. Na nʼahoɔden no firii ne mu. 20 Afei, ɔteaam , "Samson! Filistifoɔ no aba rebɛkye wo!"

Ɔnyaneeɛ no, ɔkaa ne tirim , "Mɛyɛ sɛdeɛ kane no na meyɛ no mɛwoso me ho agye me ho." Nanso na ɔnnim Awurade afiri ne mu.

21 Na Filistifoɔ no kyeree no, tutuu nʼani. Wɔde no kɔɔ Gasa na wɔguu no kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ ma ɔyamm atokoɔ nnedua fie. 22 Nanso, ankyɛre na ne tirinwi no hyɛɛ aseɛ fuiɛ.

Samson Nkonimdie A Ɛdi Akyire

23 Filistifoɔ ntuanofoɔ hyɛɛ fa kɛseɛ bi, bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn nyame Dagon dii ahurisie kaa , "Yɛn nyame de Samson a ɔyɛ yɛn ɔtamfoɔ no ahyɛ yɛn nsam!"

24 Ɛberɛ a nnipa no hunuu no no, wɔkamfoo wɔn nyame kaa ,

"Yɛn nyame de yɛn ɔtamfoɔ

ahyɛ yɛn nsam;

deɛ ɔkunkumm yɛn mu bebree no

yɛn nsa aka no!"

25 Nnipa no boroo nsã kakra no, wɔhyɛɛ , "Momfa Samson mmra na ɔmmɛgye yɛn ani." Enti, wɔyii Samson firii nnedua fie. Wɔde no gyinaa asɔredan no mfimfini adum mmienu a ɛkura ɛdan no mmɔsoɔ no ntam.

26 Samson ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ a ɔkura ne nsa rekyerɛ no kwan no , "Ma memfa me nsa nsosɔ adum mmienu no mu, na mennye mʼahome." 27 Na nnipa ahyɛ asɔrefie ma . Filistifoɔ ntuanofoɔ no nyinaa bi. Na ɛdan no so mmɔsoɔ no nso na mmarima ne mmaa bɛyɛ mpensa so a wɔrehwɛ Samson na wɔredi ne ho .

28 Na Samson su frɛɛ Awurade , "Ao Otumfoɔ Awurade, kae me bio. Ao Onyankopɔn, mesrɛ wo ma me ahoɔden bio na mentua Filistifoɔ so ka mʼani a wɔatutu no so." 29 Afei Samson sosɔɔ adum mmienu a ɛwɔ asɔrefie no mfimfini no mu. Ɔde nʼahoɔden nyinaa piaeɛ. 30 Samson bɔɔ mpaeɛ , "Ma me ne Filistifoɔ no nwu." Na asɔrefie no dwiri guu Filistifoɔ ntuanofoɔ no ne nnipa no nyinaa so. Enti, ɔkumm nnipa bebree sene dodoɔ a ɔkumm wɔn ɛberɛ a na ɔte ase no.

31 Akyire yi, ne nuammarima ne nʼabusuafoɔ a wɔaka kɔfaa no. Wɔde no kɔɔ ne kurom kɔsiee no Sora ne Estaol ntam, baabi a wɔsiee nʼagya Manoa . Samson dii Israelfoɔ so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu.

Veja também