Pular para o conteúdo
Publicidade

Juízes 4

Debora Bɛyɛ Israel So Ɔtemmufoɔ

1 Ehud wuo akyi no, Israelfoɔ no yɛɛ bɔne Awurade ani so bio. 2 Enti, Awurade de wɔn hyɛɛ Kanaanhene Yabin a na ɔdi adeɛ Hasor no nsa. Na ɔsahene a ɔtua nʼakodɔm ano no din de Sisera a na ɔte Haroset-Hagoyim. 3 Na Sisera nnadeɛ nteaseɛnam aha nkron, na ɔde atirimuɔden hyɛɛ Israelfoɔ no so mfirinhyia aduonu. Afei Israelfoɔ no su frɛɛ Awurade pɛɛ mmoa.

4 Debora a na ɔyɛ Lapidot yere ne odiyifoɔ baa na ɔbɛyɛɛ Israelfoɔ ɔtemmufoɔ. 5 Na ɔtenaa Debora Abɛ Dua ase a ɛwɔ Rama ne Bet-El ntam Efraim bepɔ asase no so. Ɛhɔ na na Israelfoɔ no ma ɔdi wɔn nsɛm. 6 Ɛda bi, ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Abinoam babarima Barak a na ɔte Kedes Naftali asase so. Ɔka kyerɛɛ no , "Sei na Awurade, Israel Onyankopɔn hyɛ wo : Kɔboaboa akofoɔ ɔpedu ano firi Naftali ne Sebulon mmusuakuo mu Tabor bepɔ so . 7 Mɛdaadaa Yabin akodɔm sahene Sisera ne ne nteaseɛnam ne akofoɔ akɔ Asubɔnten Kison ho. Ɛhɔ na mɛma woadi ne so nkonim."

8 Barak ka kyerɛɛ no , "wo ne me bɛkɔ dea, mɛkɔ!"

9 Debora buaa no , "Mate, me ne wo bɛkɔ, nanso worennya animuonyam biara dwumadie yi mu, ɛfiri , Awurade nkonimdie Sisera so no bɛfiri ɔbaa nsam." Enti, Debora ne Barak kɔɔ Kedes. 10 Kedes , Barak frɛfrɛɛ Sebulon abusuakuo ne Naftali abusuakuo mu nnipa nyinaa, na akofoɔ ɔpedu ne no kɔeɛ. Debora nso kaa wɔn ho kɔeɛ.

11 Na Kenini Heber atwe ne ho afiri Kenifoɔ4.11 Ɛfiri Mose berɛ so na Kenifoɔ ne Israelfoɔ yɛ baako (2 Mose 3.1). Ɛberɛ a wɔdi Kanaanfoɔ so no, wɔne Israelfoɔ na wɔko tiaa wɔn (2 Ah 1.6). a wɔyɛ Mose akonta Hobab asefoɔ no ho, akɔsi ne ntomadan dua kɛseɛ bi a ɛsi Saananim a ɛbɛn Kedes no ho.

12 Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Sisera Abinoam ba Barak aforo Tabor bepɔ so no, 13 ɔboaboaa ne nnadeɛ nteaseɛnam aha nkron ano ne nʼakofoɔ nyinaa, na wɔtu tene firii Haroset-Hagoyim kɔɔ Asubɔnten Kison ho.

14 Afei, Debora ka kyerɛɛ Barak , "ahoboa! Ɛnnɛ ne ɛda a Awurade de Sisera so nkonimdie bɛma wo, ɛfiri , Awurade atu sa adi wʼanim." Enti, Barak dii nʼakodɔm ɔpedu anim sianee Tabor bepɔ no kɔkoeɛ. 15 Ɛberɛ a Barak to hyɛɛ wɔn so no, Awurade maa huboa bɔɔ Sisera, ne nteaseɛnamkafoɔ ne nʼakofoɔ no nyinaa. Ɛbaa saa no, Sisera huri firii ne teaseɛnam mu sii fam dwaneeɛ.

16 Barak nteaseɛnam ne ɔtamfoɔ no akodɔm no ara kɔsii Haroset-Hagoyim, kunkumm Sisera akofoɔ no nyinaa. Anka wɔn mu baako mpo. 17 Sisera dwane kɔhyɛɛ Kenini Heber yere Yael ntomadan mu, ɛfiri , na Heber abusuafoɔ ne Hasorhene Yabin ayɔnkofa.

18 Yael firii adi kɔhyiaa Sisera ka kyerɛɛ no , "Owura, bra me ntomadan yi mu. Bra mu. Nsuro." Enti, ɔkɔɔ ntomadan no mu maa ɔde nnasoɔ kataa ne so.

19 Sisera ka kyerɛɛ no , "Mesrɛ wo, sukɔm de me enti ma me nsuo." Enti ɔmaa no nufosuo ɔnnom, na ɔsane kataa ne so.

20 Sisera ka kyerɛɛ no , "Gyina ntomadan no ano na obi bɛbisa wo obi ha a, ka dabi."

21 Nanso, ɔbrɛ enti, Sisera faa mu daeɛ. Yael, a ɔyɛ Heber yere, yɛɛ brɛoo kɔɔ ne so. Ɔde hamre ne pɛɛwa na ɛkɔeɛ. Ɔde pɛɛwa no sii ne moma so de hama no bɔɔ so, kɔsii ɛhwiree ne moma mu sii fam ma ɔwuiɛ.

22 Ɛberɛ a Barak baa ɔrebɛhwehwɛ Sisera no, Yael pue bɛhyiaa no. Ɔka kyerɛɛ no , "Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ noɔ no." Enti, ɔdii nʼakyi kɔɔ ntomadan no mu kɔhunuu Sisera wawu da a pɛɛwa si ne moma so.

23 Ɛda no na Israel hunuu Onyankopɔn adi Kanaanhene Yabin so nkonim. 24 Na ɛno akyi no, Israel nyaa ahoɔden tiaa ɔhene Yabin ara kɔsii akyire yi, wɔsɛee no.

Veja também