Pular para o conteúdo
Publicidade

Atemmufoɔ 7

Gideon Di Midianfoɔ So Nkonim

1 Anɔpahema, Yerubaal (a ɔne Gideon) ne nʼakodɔm kɔɔ ara kɔsii Harod nsuo ho. Midian akodɔm nso bɔɔ dɔmpem atifi fam bɔnhwa bi a ɛbɛn More bepɔ no. 2 Awurade ka kyerɛɛ Gideon , "Akofoɔ a wɔka wo ho no dɔɔso dodo. mema mo nyinaa ko tia Midianfoɔ a, Israelfoɔ no bɛhoahoa wɔn ho akyerɛ me wɔn ara nam wɔn ahoɔden so na wɔgyee wɔn ho sii . 3 Ɛno enti, ka kyerɛ nnipa no , Obiara a ɔyɛ tebɔɔ anaa ɔsuro no, ɔnyi ne ho mfiri mu na ɔnkɔ efie.’ " Wɔn mu ɔpeduonu mmienu na wɔkɔɔ fie, ɛnna ɛkaa wɔn mu ɔpedu a wɔpɛɛ wɔbɛko.

4 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Gideon , "Wɔdɔɔso ara. Fa wɔn bra asuo no ho na mɛsa wɔn mu ayi wɔn a wo ne wɔn bɛkɔ ne wɔn a wɔne wo renkɔ."

5 Ɛberɛ a Gideon de nʼakofoɔ no kɔɔ nsuo no ho no, Awurade ka kyerɛɛ no , "Kyɛ nnipa no mu akuo mmienu. Fa nnipa a wɔbɔ nsuo gu wɔn nsam na wɔde wɔn tɛkrɛma tafere no nkraman no ekuo baako mu. Ekuo a ɛtɔ so mmienu no nso, fa wɔn a wɔbu nkotodwe de wɔn ano nom nsuo asuwa mu no hyɛ mu." 6 Mmarima no mu ahasa na na wɔnom nsuo firi wɔn nsa mu. Wɔn a aka no nyinaa nso, na wɔbu nkotodwe de wɔn ano nom nsuo firi asuwa no mu.

7 Awurade ka kyerɛɛ Gideon , "Menam saa mmarima ahasa yi so bɛgye mo, na mama moadi Midianfoɔ no so nkonim. Ma wɔn a aka no nyinaa nkɔ fie." 8 Enti, Gideon gyegyee wɔn akwansoduane ne ntotorobɛnto firii akofoɔ no nkyɛn ma wɔkɔɔ fie. Ɛnna ɔmaa mmarima ahasa no kaa ne nkyɛn.

Na Midianfoɔ no atenaeɛ bɔnhwa a ɛwɔ Gideon ase pɛɛ. 9 Anadwo no, Awurade kaa , "Sɔre! Midianfoɔ no atenaeɛ no mu aseɛ , na mɛma mo adi wɔn so nkonim! 10 Na wosuro wobɛkoto ahyɛ wɔn so a, wo ne wo ɔsomfoɔ Pura nkɔ . 11 Tie deɛ Midianfoɔ no reka na ɛbɛhyɛ wo nkuran. Na wo ho bɛpere wo ama woato ahyɛ wɔn so."

Enti, Gideon faa Pura kaa ne ho ne no kɔɔ atamfoɔ no atenaeɛ no mfikyire. 12 Saa ɛberɛ no na Midianfoɔ, Amalekfoɔ ne nnipa no nkaeɛ a wɔfifiri apueeɛ fam no abɛyɛ bitibiti te ntutummɛ bɔnhwa no mu. Na wɔn nyoma nso dodoɔ te mpoano anwea. Wɔdɔɔso dodo!

13 Gideon weaweaa kɔduruu no, na ɔbarima bi reka ne daeɛ a ɔsoeɛ akyerɛ nʼadamfo bi , "Mesoo daeɛ na burodo kurukuruwa bi ate abɛhwe Midianfoɔ atenaeɛ. Ɛkɔpem ntomadan no bi na ɛbu faa so ma ɛkɔhwee ase!"

14 Nʼadamfo no kaa , "Wo daeɛ no kyerɛ adeɛ baako . Onyankopɔn de Midian ne ne mpamfoɔ nyinaa so nkonimdie ahyɛ Yoas babarima Gideon, Israelni no nsa."

15 Ɛberɛ a Gideon tee daeɛ no ne nʼasekyerɛ no, ɔkoto sɔree Onyankopɔn. Ɔsane baa Israel atenaeɛ mu teaam , "Monsɔre! Awurade de Midianfoɔ ahyɛ mo nsa." 16 Ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu akuakuo mmiɛnsa. Ɔde ntotorobɛnto ne dɔteɛ kuruwa a ogyatɛn hyehyɛ mu maa wɔn.

17 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn , "Monhwɛ me. Monni mʼakyi. meduru atenaeɛ no mfikyire a, deɛ mɛyɛ biara no, monyɛ bi. 18 me ne wɔn a wɔka me ho nyinaa hyɛn ntotorobɛnto no a, mo a moatwa atenaeɛ no ho ahyia no nyinaa, mo nso monhyɛn mo deɛ na monteam , Yɛko ma Awurade ne Gideon.’ "

19 Anadwo dasuo mu a wɔasesa awɛmfoɔ no awie , na Gideon ne mmarima ɔha a wɔka ne ho no kɔduruu Midianfoɔ atenaeɛ mfikyire. Mpofirim wɔhyɛnee wɔn ntotorobɛnto no, bobɔɔ dɔteɛ nkuruwa a na ɛhyehyɛ wɔn nsam no. 20 Afei akuo mmiɛnsa no nyinaa hyɛnee wɔn ntotorobɛnto bobɔɔ wɔn nkuruwa. Na wɔkurakura ogyatɛn a ɛrederɛ no wɔn nsa benkum mu na wɔkurakura ntotorobɛnto wɔn nsa nifa mu, wɔteaam , "Awurade akofena Gideon akofena!" 21 Ɔbarima biara gyinaa nʼafa atenaeɛ no ho, hwɛɛ Midianfoɔ no wɔabɔ huboa reteateam na wɔredwane.

22 Ɛberɛ a Israelfoɔ ahasa no hyɛnee wɔn ntotorobɛnto no, Awurade maa wɔn atamfoɔ akofoɔ a wɔwɔ atenaeɛ no twaa wɔn ho de akofena ne wɔn ho koeɛ. Wɔn a wɔanwu no dwane kɔduruu Bet-Sita a ɛbɛn Serera ne Abel-Mehola hyeɛ a ɛbɛn Tabat so.

23 Afei, Gideon soma kɔfaa Naftali, Aser ne Manase akofoɔ a wɔbɛboa ma wɔtaa Midian akodɔm a wɔredwane no. 24 Gideon tuu abɔfoɔ kɔɔ Efraim mmepɔ aman no so kɔkaa "Mommra mmɛto nhyɛ Midianfoɔ so. Montware wɔn Yordan aworɔso a ɛwɔ Bet-Bera no."

Na Efraim mmarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn no. 25 Wɔkyeree Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene. Wɔkumm Oreb Oreb botan so ɛnna wɔkumm Seeb nso Seeb nsakyiamena ho. Na wɔkɔɔ so taa Midianfoɔ no. Akyire no, Israelfoɔ no de Oreb ne Seeb tiri no brɛɛ Gideon a na saa ɛberɛ no ɔwɔ Yordan ho no.

Veja também