Pular para o conteúdo
Publicidade

Jó 12

Hiob Bua Sofar

1 Na Hiob buae se,

2 "Akyinnye nni ho, mo ne nnipa no

na muwu a na nyansa asa!

3 Nanso mewɔ adwene mo ara

monnsen me.

Hena na onnim saa nneɛma yi nyinaa?

4 "Mayɛ aserewde ama me nnamfonom,

mefrɛɛ Onyankopɔn na obuae,

aserewde teta bi, nanso meteɛ na me ho nni asɛm.

5 Nnipa a wɔn ho wɔn no bu amanehunu animtiaa

sɛnea wobu wɔn a wɔn nan rewatiri no awiei animtiaa no.

6 Wɔmmfa wɔn nsa nka akorɔmfo ntamadan,

na wɔn a woyi Onyankopɔn abufuw bammɔ

na Onyankopɔn nea ɔde ma wɔn ho ban.

7 "Bisa mmoa no, na wɔbɛkyerɛ wo

anaasɛ wim nnomaa no, na wɔbɛka akyerɛ wo

8 anaasɛ kasa kyerɛ asase, na ɛbɛkyerɛ wo,

anaasɛ ma po mu mpataa nka nkyerɛ wo.

9 Wɔn nyinaa mu hena na onnim

Awurade nsa na ayɛ eyi.

10 Ne nsam na abɔde nyinaa home

ne adesamma nyinaa home.

11 So aso nsɔ nsɛm nhwɛ

sɛnea tɛkrɛma ka aduan hwɛ no ana?

12 Wonnya nyansa mfi mpanyin nkyɛn,

na ɛnyɛ onyinkyɛ na ɛde ntease ba ana?

13 "Nyansa ne tumi Onyankopɔn de;

afotu ne ntease ne dea.

14 Nea obubu gu no, obiara rentumi nsi;

nea ɔde no to afiase no, obiara rentumi nyi no.

15 ɔma osu gyae a, asase no so wosee;

ogyaa osutɔ mu a, ɛsɛe asase no.

16 Ahoɔden ne nkonimdi ne de

osisifo ne nea wosisi no no nso ne de.

17 Ɔpa afotufo ho ntama ma wɔkɔ

na ɔma atemmufo nkwasea.

18 Ɔworɔw ahemfo nkyehama

na ɔde abɔso wɔn asen.

19 Ɔpa asɔfo ho ntama,

na otu nnipa a wɔn ase atim akyɛ gu.

20 Ɔka afotufo a wogye wɔn di no kasaboa hyɛ,

na ogye mpanyimfo nhumu.

21 Ɔde animguase gu atitiriw so

na otintim gye ahoɔdenfo nsam akode.

22 Ɔda sum mu nneɛma a ahintaw adi

na ɔde sum kabii ba hann mu.

23 Ɔyɛ aman akɛse, na ɔsɛe wɔn;

ɔtrɛw aman mu, na ɔhwete wɔn mu.

24 Ogye wiase akannifo adwene fi wɔn nsam;

na ɔma wokyinkyin asase wosee a ɔkwan nna so so.

25 Wɔkeka sum mu a wonni kanea;

na ɔma wɔtɔ ntintan asabowfo."

Veja também