Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 39

1 "So wunim bere a bepɔw so mmirekyi wowo?

Woahwɛ, ahu bere a ɔforote nyinsɛn ne ba?

2 So woakan asram dodow a wɔde nyinsɛn?

Wunim bere a wɔwo ana?

3 Wɔkotow wowo wɔn mma;

wɔn awoko yaw to twa.

4 Wɔn mma nyin ahoɔden so wuram;

na wogyaw wɔn awofo a wɔnnsan nkɔ wɔn nkyɛn bio.

5 "Hena na ɔma wuram afurum fa ne ho di?

Hena na ɔsan ne hama?

6 Mede asase kesee maa no ne fi,

ne nkyene asase tamaa nʼatenae.

7 Ɔserew kurom gyegyeegyeyɛ;

na ɔnte ɔkafo nteɛteɛmu.

8 Okyinkyin mmepɔw no so ne didibea

ɛhɔ na okyin hwehwɛ wura amono biara.

9 "Ɛko bɛpene ɔbɛsom wo ana?

Ɔbɛtena wo mmoa adididaka nkyɛn anadwo ana?

10 Wubetumi asa no funtumfiri so ana?

Ɔbɛfɛntɛm aku a ɛda wʼakyi no ana?

11 Wubetumi de wo ho ato no so esiane nʼahoɔden dodo nti?

Wubegyaw wʼadwuma a ɛyɛ den no ama no ana?

12 Wugye di ɔde wʼaburow bɛba

na waboa ano de akɔ awiporowbea ana?

13 "Sohori ne ntaban mu anigye so,

nanso wontumi mfa ntoto asukɔnkɔn de ho.

14 Ɔtow ne nkesua gu asase so

ma mfutuma ka no hyew,

15 ɛmfa ne ho ɛnan bi bɛpɛtɛw no,

wuram aboa bi betiatia so.

16 Ɔbɔ ne mma atirimɔden sɛnea wɔnyɛ ne dea;

ɛmfa ne ho nʼadwuma bɛyɛ ɔkwa,

17 efisɛ Onyankopɔn amma no nyansa

wamma no nhumu biara.

18 Nanso ɔtrɛw ne ntaban mu tu mmirika a,

ɔserew ɔpɔnkɔ ne ne sotefo.

19 "Wo na woma ɔpɔnkɔ no nʼahoɔden

anaa woma ne kɔn mu nwi kuhaa no?

20 Wo na woma no huruw te mmoadabi,

na ɔde ne nkotɔ hunahuna ana?

21 Ɔde ne nan tintim fam dennen, na nʼani gye nʼahoɔden mu,

na afei ɔbɔ wura ɔko mu.

22 Ɔmmɔ hu, na onsuro biribiara;

ohu afoa a onguan.

23 Bɛmma wosow ne nkyɛn mu boha mu,

na peaw ne pɛmɛ nso di ahim ne ho.

24 Ofi ahopere mu de nʼano sisi fam;

na wɔhyɛn torobɛnto a ontumi nnyina faako.

25 torobɛnto hyɛn a ɔka se, Wiɛ!

ɔte ɔko ho hua fi akyirikyiri,

ɔsahene no nteɛmu ne ɔko mu osebɔ.

26 "Wo nyansa na ɛma akoroma tu

na ɔtrɛw ne ntaban mu fa anafo?

27 Wo na wohyɛ ɔkɔre ma no tu sorosoro

kɔyɛ ne berebuw ?

28 Ɔbotan mu na ɔte na ɛhɔ na ɔda;

ɔbotan sorɔnsorɔn nʼabandennen.

29 Ɛhɔ na ofi kɔhwehwɛ nʼaduan;

nʼani hu ade a ɛwɔ akyirikyiri.

30 Mogya ne mma aduan,

na faako a atɔfo no, ɛhɔ na ɔwɔ."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também