Pular para o conteúdo
Publicidade

Jó 29

1 Hiob toaa so se,

2 "Mʼani agyina asram a atwa mu no,

nna a Onyankopɔn hwɛɛ me so no,

3 bere a ne kanea hyerɛn mʼatifi

na mede ne kanea nantewee sum mu no!

4 Ao, nna a misii so no,

bere a Onyankopɔn adamfofa a emu den hyiraa me fi,

5 bere a na Otumfo no da so ka me ho

na me mma atwa me ho ahyia no,

6 bere a na nufusu mu srade afɔw mʼakwan

na abotan hwiee ngo nsu maa me no.

7 "Bere a na mekɔ kuropɔn pon ano

mekɔtena mʼagua so ɔmanfo aguabɔbea,

8 mmerante hu me a, wogyina nkyɛn

na mpanyimfo sɔre gyina ;

9 atitiriw gyae kasa

na wɔde wɔn nsa kata wɔn ano;

10 mmapɔmma tɛm dinn,

na wɔn tɛkrɛma ka wɔn dudom.

11 Wɔn a wɔte me nka nyinaa ka me ho asɛmpa,

na wɔn a wohu me nyinaa kamfo me,

12 efisɛ meboaa ahiafo a wosu pɛɛ mmoa,

ne ayisaa a wonni aboafo.

13 Onipa a na ɔrewu no hyiraa me;

na memaa akunafo ani gyee wɔn koma mu.

14 Mede trenee furaa mʼadurade;

atɛntrenee yɛɛ me nkataso ne mʼabotiri.

15 Meyɛɛ aniwa maa anifuraefo,

ne anan maa mmubuafo.

16 Meyɛɛ ahiafo agya;

na mekaa ahɔho asɛm maa wɔn.

17 Mibubuu amumɔyɛfo se

na mihwim wɔn a wodi wɔn nya no fii wɔn anom.

18 "Medwenee , Mewu mʼankasa me fi mu,

na me nna dɔɔso nwea.

19 Me ntin beduu nsu ano,

na obosu agugu me mman so anadwo mu nyinaa.

20 Mʼanuonyam rempa da,

na agyan ayɛ foforo me nsam daa.

21 "Nnipa hwehwɛɛ wotie me,

wɔyɛɛ dinn, twɛn mʼafotu.

22 mekasa wie a wɔnnkasa bio,

efisɛ me nsɛm tɔɔ wɔn asom yiye.

23 Wɔtwɛn me sɛnea wɔtwɛn osu a ɛpete,

na wɔmenee me nsɛm osutɔ bere nsu.

24 meserew mekyerɛ wɔn a, wɔntaa nnye nni;

mʼanimtew som bo ma wɔn.

25 Mebɔɔ kwan maa wɔn na metenaa ase wɔn hene;

metenaa ase ɔhene a ɔwɔ nʼasraafo mu;

meyɛɛ obi a ɔkyekye agyaadwotwafo werɛ.

Veja também