Pular para o conteúdo
Publicidade

3 Mose (Lewitikɔs) 18

6 " Mo mu biara nni ho kwan ɔware obusuani a ɔbɛn no. Mene Awurade.

7 " Ɛnsɛ ɔbabea ware nʼagya anaasɛ ɔbabarima ware ne na.

8 " Ɛnsɛ wo ne wʼagya yerenom mu bi da; ebebu wʼagya animtiaa.

9 " Ɛnsɛ wo ne wo nuabea anaa wʼagya babea anaa wo na babea da, wɔwoo no ofi no mu anaa ofi foforo mu.

10 " Ɛnsɛ moware mo nenabea, ɔyɛ mo babarima babea anaa mo babea babea, efisɛ ebebu mo animtiaa.

11 " Ɛnsɛ woware wo nuabea a ɔyɛ wʼagya yerenom bi babea.

12 " Anaa wo sewaawo agya nuabea, efisɛ ɔyɛ wʼagya busuani pɛɛ.

13 " Saa ara na ɛnsɛ woware wo na a ɔyɛ wo na nuabea, efisɛ, ɔyɛ wo na busuani pɛɛ.

14 " Wʼagya nuabarima yere nso, wunni ho kwan woware no.

15 " Wunni ho kwan woware wo babarima yere, efisɛ ɔyɛ wʼase.

16 " Saa ara nso na wuntumi nnware wo nuabarima yere, efisɛ ɔyɛ wo nuabarima dea.

17 " Worentumi nware ɔbea bi nsan nware ne babea anaa ne nenabea nka ho, efisɛ wɔn nyinaa abusuafo pɛɛ na ɛyɛ awudisɛm nso.

18 " Ɛnsɛ woware nuabeanom baanu akorafo, bere a wo yere te ase.

19 " Ɛnsɛ wofa ɔbea a ɔwɔ afikyirikɔ mu.

20 " Ɛnsɛ wofa wo yɔnko yere de gu mo ho fi.

21 " Mfa wo mma mu biara mma Molek mma ɔmmfa no mmɔ afɔre nʼafɔremuka so. Ngu wo Nyankopɔn din ho fi, efisɛ mene Awurade.

22 " Ɔbarima a ɔne ne yɔnko barima da akyiwade kɛse na ɛyɛ bɔne a ɛso nso.

23 " Ɛnsɛ ɔbarima fa aboa de gu ne ho fi. Saa ara nso na ɛnsɛ ɔbea de ne ho ma aboanini ma ɔfa no. Ɛyɛ akyiwade kɛse.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também