Pular para o conteúdo
Publicidade

Êxodo 11

Misraimfoɔ Mmakan Wuo Ho Kɔkɔbɔ

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Mɛma ɔhaw a ɛtwa toɔ aba Farao ne nʼasase so. Na ɛno akyiri no, ɔbɛma mo akɔ. Nokorɛm, ne ho bɛpere no mobɛfiri ne ho ama ɔno ara apamo mo afiri ɔman no mu. 2 Monka nkyerɛ Israelfoɔ mmarima ne mmaa nyinaa , wɔmmisa wɔn amannifoɔ Misraimfoɔ no na wɔmma wɔn sikakɔkɔɔ ne dwetɛ adwinneɛ." 3 Awurade maa Misraimfoɔ no hunuu Israelfoɔ no mmɔbɔ, na Mose nso yɛɛ onipa kɛseɛ a na Farao mpanimfoɔ ne Misraimfoɔ no bu no yie ɔman no mu.

4 Mose bɔɔ Farao amaneɛ , "Awurade se menka nkyerɛ wo , Anadwo nnɔndumienu mɛtwam Misraim asase so. 5 Na Misraim fie biara mu ɔbabarima panin bɛwu. Ɛfiri Farao babarima panin so, ne dehyeɛ a ɔbɛdi nʼadeɛ, ne ɔsomfoɔ mu ɔsomfoɔ kumaa koraa ba panin ne ne nyɛmmoa abakan nyinaa bɛwuwu. 6 Na owuo no ho agyaadwotwa bɛduru Misraim asase so nyinaa. Awerɛhoɔ a ɛte saa mmaa Misraim asase so da, na ebi nso remma da bio. 7 Na Israelfoɔ mu deɛ, biribiara bɛyɛ dwoodwoo na ɔkraman mpo rempɔ.Na ɛbɛma woahunu , Awurade de nsonsonoeɛ ato Misraimfoɔ ne Israelfoɔ ntam! 8 Wo mpanimfoɔ yi nyinaa bɛtu mmirika, adi mʼakyiri, akoto asrɛ , Yɛpa wo kyɛw, firi ha ntɛm na kɔfa wo nkurɔfoɔ nyinaa ka wo ho .ɛba saa a ansa na mɛkɔ!" Mose wiee kasa no, ɔde abufuhyeɛ firii ahemfie kɔeɛ.

9 Na Awurade aka akyerɛ Mose , "Asɛm a wobɛka no, Farao rentie. Na ɛno so na mɛgyina ayɛ anwanwadeɛ de ada me tumi adi." 10 Ɛwom Mose ne Aaron yɛɛ saa anwanwadeɛ no nyinaa Farao anim nanso Awurade pirim nʼakoma sɛdeɛ ɔremma nnipa no mfiri asase no so nkɔ.

Veja também