11 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 12 "Mate wɔn anwiinwii no, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Anwummerɛ, mobɛnya ɛnam awe na anɔpa nso mobɛnya aduane pii adi na mobɛhunu sɛ mene Awurade, mo Onyankopɔn, no.’ "
13 Anwummerɛ no, nnomaa pii bɛbuu so wɔ wɔn atenaeɛ hɔ na anɔpa no, obosuo tɔ guu ɛserɛ no so ma ɛyɛɛ fɔkyee; 14 obosuo no tuiɛ no akyire no, biribi te sɛ nsenseneeɛ bi a ɛte sɛ nkyenkyeneeɛ bɛguu asase no so. 15 Israelfoɔ no hunuiɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, "Ɛdeɛbɛn nie?"
Na Mose buaa wɔn sɛ, "Ɛyɛ aduane a Awurade de ama mo sɛ monni no.