Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Mose (Ɛksodɔs) 2

5 Farao babaa kɔɔ nsuo no mu ɔrekɔdware. Ɛberɛ a ɔne ne mmaawa nam asuo no konkɔn so no, ɔhunuu kɛntɛn no ɛhyɛ wiram baabi, enti ɔsomaa ne mmaawa no mu baako ɔnkɔfa mmrɛ no. 6 Ɔde baeɛ a ɔbuee so no, ɔhunuu abarimaa bi da mu a ɔresu. Asɛm no yɛɛ no awerɛhoɔ. Ɔkaa , "Ɔyɛ Hebrifoɔ yi binom ba."

7 Abɔfra no nuabaa a na ɔrewɛn no no kɔɔ ɔhene babaa no nkyɛn kɔbisaa no , "Menkɔfrɛ Hebrifoɔ mmaa no baako na ɔmmɛhwɛ no mma wo anaa?"

8 Ɔhene babaa no buaa , "Aane." Enti, abaayewa no tuu mmirika kɔɔ efie kɔfrɛɛ abɔfra no maame de no baeɛ. 9 Ɔhene babaa no ka kyerɛɛ no , "Fa abɔfra no efie na kɔhwɛ no ma me na mɛtua wo ho ka." Enti, ɔde no kɔɔ efie kɔhwɛɛ no.

Veja também