10 Afei, merebɛsoma wo akɔ Farao nkyɛn, akɔyi me ɔman Israel afiri Misraim."
11 Mose bisaa sɛ, "Mene hwan a mɛtumi akɔ Farao anim akɔka sɛ merebɛyi Israelfoɔ afiri Misraim asase so?"
12 Onyankopɔn buaa no sɛ, "Mɛka wo ho. Adansedeɛ a ɛkyerɛ sɛ me na masoma wo no nie. Sɛ woyi nnipa no firi Misraim a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ saa bepɔ yi so."