21 Enti, Awurade Onyankopɔn maa onipa daa nnahɔɔ. Ɛberɛ a onipa daa saa no, ɔyii ne mfe mu mpadeɛ baako, na ɔde honam taree deɛ ɔyii mpadeɛ hɔ no. 22 Afei, Awurade Onyankopɔn de mfe mu mpadeɛ baako a ɔyi firii onipa mu no bɔɔ ɔbaa, de no maa onipa no.
23 Na Adam kaa sɛ,
"Mʼankasa me dompe
ne me honam bi nie.
Wɔbɛfrɛ yei ɔbaa ɛfiri sɛ,
ɔbarima mu na wɔyii no firiiɛ."