22 Afei, Awurade Onyankopɔn de mfe mu mpadeɛ baako a ɔyi firii onipa mu no bɔɔ ɔbaa, de no maa onipa no.
23 Na Adam kaa sɛ,
"Mʼankasa me dompe
ne me honam bi nie.
Wɔbɛfrɛ yei ɔbaa ɛfiri sɛ,
ɔbarima mu na wɔyii no firiiɛ."
24 Yei enti na ɔbarima gya nʼagya ne ne na de ne ho kɔbata ne yere ho sɛdeɛ wɔn baanu bɛyɛ nnipa korɔ.