Publicidade

Gênesis 2

1 Yei ne ɛkwan a Onyankopɔn faa so bɔɔ ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.

2 Ɛduruu ɛda a ɛtɔ so nson no, na Onyankopɔn awie nnwuma a ɔhyɛɛ aseɛ yɛeɛ no nyinaa. Enti, ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔgyee nʼahome. 3 Onyankopɔn hyiraa ɛda a ɛtɔ so nson no, na ɔtee ho. Ɛfiri , saa ɛda no na Onyankopɔn gyee nʼahome firii adebɔ nnwuma no nyinaa ho.

4 Yei ne ɔsoro ne asase ho asɛm. Ɛberɛ a Awurade Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase no.

5 Na afifideɛ biara nni asase so, na wiram nnua biara nso nni . Ɛfiri , na Awurade Onyankopɔn mmaa nsuo ntɔɔ asase so, na onipa nso nni asase so a ɔbɛyɛ so adwuma. 6 Nanso, nsutire puepue fifirii asase mu bɛpetee asase ani nyinaa. 7 Awurade Onyankopɔn de asase no so dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhomee nkwa home guu ne hwene mu, maa onipa no bɛyɛɛ ɔteasefoɔ.

8 Afei, Awurade Onyankopɔn yɛɛ turo Eden apueeɛ fam, na ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwonoo no no tenaeɛ. 9 Awurade Onyankopɔn maa nnua ahodoɔ nyinaa fifirii asase no so; nnua a ɛyɛ na wɔdie. Turo no mfimfini no na nkwa dua, ɛnna papa ne bɔnehunu dua sisie.

10 Na nsuo tene firi Eden bɛgugu turo no mu afifideɛ no so; ɛfiri a, na saa nsuo no mu apaapae ayɛ nsubɔntene ɛnan. 11 Wɔtoo nsuo a apaapae no mu deɛ ɛdi ɛkan no edin Pison. Na ɛkontonkonton fa Hawila asase a sikakɔkɔɔ so no so nyinaa. 12 Na saa asase no so sikakɔkɔɔ . Na ɛhyɛ a ɛyɛ hwam ne apopobibirieboɔ nso . 13 Asubɔnten a ɛtɔ so mmienu no din de Gihon. Na ɛno ara na abobare afa Kus asase ho nyinaa. 14 Asuo a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na wɔfrɛ no Tigris a ɛtene asase kɛseɛ Asiria apueeɛ fam. Asuo a ɛtɔ so ɛnan no nso, na wɔfrɛ no Eufrate.

15 Awurade Onyankopɔn faa onipa no de no kɔtenaa Eden turo mu ɔnyɛ mu adwuma, na ɔnhwɛ so. 16 Na Awurade Onyankopɔn bɔɔ onipa no kɔkɔ , "Wowɔ ho ɛkwan , wodi dua biara so aba turo yi mu ha; 17 nanso wonni ho ɛkwan wodi papa ne bɔnehunu dua no so aba. Ɛda a wobɛdie no, deɛ ɛbɛyɛ biara, wobɛwu."

Onyankopɔn Hawa

18 Afei, Awurade Onyankopɔn kaa , "Ɛnyɛ onipa nko ara tena; mɛbɔ ɔboafoɔ a ɔfata no ama no."

19 Saa ɛberɛ no na, Awurade Onyankopɔn de mfuturo abɔ wiram mmoa ne ewiem nnomaa nyinaa. Enti, ɔde wɔn brɛɛ onipa ɔnhwehwɛ edin ko a ɔde bɛtoto wɔn. Edin a onipa de too abɔdeɛ a nkwa mu biara no, ɛno ara na ɛyɛɛ edin a wɔde frɛɛ no. 20 Enti, onipa totoo nyɛmmoa, ewiem nnomaa ne wiram mmoa no nyinaa edin.

Nanso, onipa deɛ, wannya ɔboafoɔ a ɔfata no. 21 Enti, Awurade Onyankopɔn maa onipa daa nnahɔɔ. Ɛberɛ a onipa daa saa no, ɔyii ne mfe mu mpadeɛ baako, na ɔde honam taree deɛ ɔyii mpadeɛ no. 22 Afei, Awurade Onyankopɔn de mfe mu mpadeɛ baako a ɔyi firii onipa mu no bɔɔ ɔbaa, de no maa onipa no.

23 Na Adam kaa ,

"Mʼankasa me dompe

ne me honam bi nie.

Wɔbɛfrɛ yei ɔbaa ɛfiri ,

ɔbarima mu na wɔyii no firiiɛ."

24 Yei enti na ɔbarima gya nʼagya ne ne na de ne ho kɔbata ne yere ho sɛdeɛ wɔn baanu bɛyɛ nnipa korɔ.

25 Saa ɛberɛ no, na ɔbarima ne ne yere nyinaa ho da , nanso na wɔmfɛre.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-