6 Abraham faa anyina a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no de soaa ne ba Isak. Ɛnna ɔno nso faa egya ne sekammoa kuraeɛ. Ɛberɛ a wɔrekɔ no, 7 Isak frɛɛ nʼagya Abraham sɛ, "Agya!"
Ɛnna Abraham buaa sɛ, "Me ba, asɛm bɛn?"
Isak bisaa no sɛ, "Egya ne anyina no nie, na odwammaa a yɛde no rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ he?"
8 Abraham buaa sɛ, "Onyankopɔn no ankasa bɛma yɛn afɔredwan a yɛde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no." Afei, wɔn baanu no toaa so kɔeɛ.