Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 27

Yakob Dwane Laban Nkyɛn

41 Esiane Esau nhyira a Yakob kɔdaadaa wɔn agya Isak gyeeɛ no enti, Esau tanee Yakob. Esau kaa ne tirim , "Ɛrenkyɛre, na mʼagya Isak awu. ɔnya wu a, mɛkum me nua Yakob."

42 Obi tee adwene a Esau afa ne nua kumaa Yakob ho no, ɔkɔbɔɔ wɔn maame Rebeka amanneɛ. Enti, Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no , "Wo nua Esau abɔ ne tirim , ɔnya wo a, ɔbɛkum wo ansa na ne bo atɔ ne yam. 43 Enti, me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yie. Dwane ntɛm me nua Laban nkyɛn Haran. 44 Tena ne nkyɛn kakra , kɔsi , wo nua Esau bo bɛdwo. 45 wo nua akoma ne yam, na ne werɛ firi deɛ woyɛɛ no, na ɔgyaa mu ma ɛka a, mɛsoma abɛka akyerɛ wo, na woafiri Haran aba. Adɛn enti na ɛsɛ metena hwɛ, na me mma baanu bom wu ɛda koro?"

Veja também