Publicidade

Gênesis 31

Yakob Dwane Firi Laban Nkyɛn

1 Yakob tee Laban mmammarima no reka , "Yakob afa yɛn agya ho nneɛma nyinaa. Nʼahonya nyinaa firi yɛn agya nneɛma a wafa no." 2 Yakob hunuu , afei deɛ, Laban nte nʼanim nkyerɛ no kane no.

3 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yakob , "Sane wʼabusuafoɔ ne wo nkurɔfoɔ asase so, na mɛdi wʼakyi."

4 Enti, Yakob soma ma wɔkɔfrɛɛ ne yerenom Rahel ne Lea , wɔmmra ne nkyɛn ɛserɛ no so, faako a ɔne ne nnwankuo no no. 5 Wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn , "Mahunu , afei deɛ, mo agya Laban anim nyɛ me kane no, nanso Onyankopɔn a mʼagya Isak somm no no ka me ho. 6 Monim , mayi me yam, de mʼahoɔden nyinaa ayɛ adwuma, ama mo agya; 7 nanso mo agya nam nsisie kwan so, asesa mʼakatua mu mprɛdu. Nanso, yei nyinaa akyiri, Onyankopɔn amma no ɛkwan amma wanyɛ me bɔne. 8 ɔka , Mmoa a wɔn ho ntokontrama no bɛyɛ wʼakatua,na mmoa no wo a, na wɔawo mma a wɔn ho ntokontrama. ɔka , Mmoa a wɔn ho nsensaneɛ no bɛyɛ wʼakatuaa, na wɔawowo mma a wɔn ho nsensaneɛ. 9 Ɛkwan a Onyankopɔn nam so agye mo agya nsam nyɛmmoa no de wɔn ama me ama mayɛ ɔdefoɔ no ne no.

10 "Ɛduruu ɛberɛ a mmoa no hyiam no, mesoo daeɛ hunuu , nnwennini a wɔforo nnwammedeɛ no ho ntokontrama, nsensaneɛ anaa nsisimu. 11 Onyankopɔn ɔbɔfoɔ frɛɛ me daeɛ no mu ka kyerɛɛ me , Yakob!Ɛnna megyee so , Me nie!12 Ɛnna ɔsoro abɔfoɔ no ka kyerɛɛ me , Hwɛ na hunu , nnwennini a wɔforo nnwammedeɛ no nyinaa ho nsensaneɛ, ntokontrama anaa nsisimu, na mahunu ɛkwan a Laban de wo fa so no nyinaa. 13 Mene Onyankopɔn a meyii me ho adi kyerɛɛ wo Bet-El, beaeɛ a wode ɛboɔ sii , hwiee ngo guu so, somm me, hyɛɛ me , wobɛsom me no. Afei, tu firi saa asase yi so ntɛm ara, na sane asase a wɔwoo wo so no so.’ "

14 Na Rahel ne Lea bisaa , "Enti, saa tebea a yɛwɔ mu yi, yɛwɔ kyɛfa bi yɛn agya agyapadeɛ mu anaa? 15 Yɛn agya mfa yɛn yɛyɛ ahɔhoɔ? Watɔn yɛn, na yɛn tiri sika a ɔgyeeɛ no nso, wadi. 16 Ɛyɛ nokorɛ turodoo , yɛn agya ahodeɛ a Onyankopɔn gyeeɛ no nyinaa yɛn ne yɛn mma dea. Enti, biribiara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo no, ."

17 Ɛda bi, Yakob de ne mma ne ne yerenom tenatenaa nyoma so. 18 Ɔkaa ne mmoa nyinaa, agyapadeɛ a wanya nyinaa ne mmoa a ɔnyaa Paddan-Aram nyinaa dii nʼanim , ɔrekɔ nʼagya Isak nkyɛn Kanaan asase so.

19 Ɛberɛ a Laban kɔɔ wiram ɔrekɔtwitwa ne nnwan ho nwi no, Rahel faa nʼakyi kɔwiaa nʼagya fie abosom. 20 Yakob daadaa Aramni Laban a wamma wanhunu , ɔredwane. 21 Yakob de nʼahodeɛ nyinaa dwaneeɛ. Ɔtwaa Asubɔnten Eufrate, de nʼani kyerɛɛ bepɔ asase Gilead no so.

Laban Ti Yakob

22 Yakob ne nʼabusuafoɔ dwaneeɛ no, nnansa akyiri ansa na Laban tee wɔkɔ. 23 Laban faa ne fiefoɔ, kaa ne ho, de anibereɛ tii Yakob. Nnanson akyiri ansa na ɔkɔtoo Yakob ne ne nkurɔfoɔ no bepɔ Gilead so. 24 Saa ɛda no ara anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi daeɛ mu kyerɛɛ Aramni Laban. Ɔka kyerɛɛ no daeɛ no mu , "Hwɛ yie na woankɔka asɛm biara, ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne ankyerɛ Yakob."

25 Ɛberɛ a Laban ne ne fiefoɔ kɔtoo Yakob no, na Yakob asisi ne ntomadan bepɔ Gilead atifi. Laban ne ne fiefoɔ no nso sisii wɔn ntomadan bepɔ no ayaase. 26 Afei, Laban kɔɔ Yakob nkyɛn kɔbisaa no , "Woadaadaa me. Asɛm bɛn na wode adi me yi? Woakyekyere me mmammaa de wɔn redwane te nnommumfoɔ. 27 Adɛn enti na wodaadaa me, na wodwane firii me nkyɛn a woankra? wokraa me a, anka mɛto wo ɛpono, na mama nnipa abɛbɔ sankuo, ato nnwom apontoɔ no ase, de agya wo kwan. 28 Woamma mankyeakyea me nananom ne me mmammaa yi nsam mpo, amfa annya wɔn kwan. Woadi nkwaseasɛm. 29 Mewɔ tumi anka meyɛ wo bɔne, nanso, nnora anadwo, Onyankopɔn a wo agya somm no no ka kyerɛɛ me daeɛ mu , Hwɛ yie na woanka asɛm biara, ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne, ankyerɛ Yakob.30 Esiane wʼani agyina wo agya fie enti, na ɛsɛ wokɔ ara, na adɛn enti na wowiaa mʼabosom, de kaa wo nneɛma ho?"

31 Yakob buaa Laban , "Na mesuro. Na ɛyɛ me wode tumi bɛgye wo mmammaa no afiri me nsam. 32 Nanso, obiara a wobɛhunu wʼabosom no ne nkyɛn no, ɔsɛ owuo. Wʼankasa hwehwɛ, wobɛhunu biribiara a ɛyɛ wo dea me nneɛma yi mu yɛn nuanom yi anim. wohunu biribiara a ɛyɛ wo dea a, fa wʼadeɛ." Ɛberɛ a Yakob kaa saa asɛm yi no, na ɔnnim Rahel na wawia nʼagya Laban abosom no.

33 Ɛno enti, Laban kɔɔ Yakob, Lea, ne nʼasomfoɔ Bilha ne Silpa ntomadan mu kɔhwehwɛɛ , nanso wanhunu biribiara. Afei, ɔkɔwuraa Rahel ntomadan mu. 34 Ɛfiri , na Rahel awia abosom no de ahyehyɛ ne yoma no atɛ ase, atena so. Enti, Laban kɔhwehwɛɛ nneɛma a ɛwɔ Rahel ntomadan no nyinaa mu, nanso wanhunu abosom no.

35 Afei, Rahel ka kyerɛɛ nʼagya , "Agya, mma wo bo mfu me mete wʼanim na mensɔre nnyina , ɛfiri , makɔ afikyire." Enti, Laban toaa so hwehwɛɛ abosom no ara, nanso wanhunu.

36 Ɛyɛɛ saa no, Yakob bo fuu Laban yie, bisaa no , "Bɔne bɛn na mayɛ? Amumuyɛsɛm bɛn na madi a ɛno enti, woataa me ara yi?" 37 Wohwehwɛɛ me nneɛma nyinaa mu yi, ɛdeɛn adeɛ na wohunuiɛ a ɛyɛ wo ne wo fiefoɔ dea? Deɛ wohunuiɛ biara no, fa bɛto dwa me nuanom ne wo nuanom a wɔahyia ha yi nyinaa anim, na wɔnkyerɛ deɛ ɛyɛ ne dea.

38 "Mfirinhyia aduonu a wo ne me tenaeɛ, wo nnwan ne wo mmirekyie abereɛ no ampompɔn, na mankum wo nnwennini yi bi amfiri wo nnwankuo yi mu, anwe da. 39 Mamfa wʼaboa biara a akekaboa bi atete ne mu ammrɛ wo; wɔn a mmoa kumm wɔn no, mʼankasa mehyɛɛ anan mu. Afei ɛba wɔwia wo mmoa no bi, anadwo anaa awia a, woma metua ka. 40 Saa na asetena a me ne wo teɛ no teɛ. Meyɛɛ wʼadwuma awia maa owia hyee me. Meyɛɛ wʼadwuma anadwo maa awɔ dee me, maa , mekɔ kɛtɛ so koraa a, mentumi nna. 41 Mfirinhyia aduonu a metenaa wo nkyɛn nyinaa, na saa na mʼasetena teɛ. Mede mfirinhyia dunan na ɛyɛɛ adwuma maa wo, de waree wo mmammaa baanu no. Ɛnna mede mfirinhyia nsia nso hwɛɛ wo nnwan. Deɛ ɛtwa toɔ koraa ne , wosesaa mʼakatua mpɛn edu. 42 ɛnyɛ Onyankopɔn a mʼagya somm no, Onyankopɔn a Abraham somm no a ɔwɔ mafa ne suro a mesuro mʼagya Isak a, anka nokorɛm nie, wopamoo me, maa mede me nsapan kɔeɛ. Nanso Onyankopɔn hunuu mʼamanehunu ne me nsa ano adwuma enti na nnora anadwo ɔkaa wʼanim no."

Laban Ne Yakob Apam

43 Laban buaa Yakob , "Mmaa no me mmammaa, mmɔfra no nso me nananom, ɛnna nnwankuo no nso me nnwankuo. Nneɛma a wohunu yi nyinaa me dea. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ mʼankasa me mmammaa ne me nananom bɔne? 44 Afei, bra na me ne wo nyɛ apam a ɛbɛdi me ne wo ntam adanseɛ. Saa apam no so na yɛbɛdi yɛn asetena nyinaa mu."

45 Enti, Yakob faa ɛboɔ de sii yɛɛ nkaeɛdum. 46 Yakob kyerɛɛ ne nuanom no , "Montase aboɔ!" Enti, wɔtasee aboɔ boaa ano. Afei, wɔn nyinaa tenaa ho didiiɛ. 47 Laban frɛɛ aboɔ kuo no Yegar-Sahaduta a asekyerɛ ne Adanseɛ Kuo. Yakob nso frɛɛ saa aboɔ kuo no Gal-Ed, a asekyerɛ ne Adanseɛ Kuo saa ara.

48 Afei, Laban kaa , "Aboɔ Kuo yi na ɛdi me ne wo ntam adanseɛ ɛnnɛ!" Ɛno enti na wɔfrɛ no Gal-Ed no. 49 Na wɔsane frɛ aboɔ nkaeɛdum no nso bio , "Mispa" ɛfiri , Laban kaa , "Awurade mmoa yɛn, na yɛn ntam tete mpo a, yɛn mu biara bɛdi saa apam yi so. 50 woanhwɛ me mmammaa yi yie anaasɛ woware mmaa foforɔ ka me mmammaa yi ho a, ɛwom merenhunu, nanso Onyankopɔn deɛ, ɔbɛhunu."

51 Laban sane ka kyerɛɛ Yakob , "Aboɔ Kuo yi ni. Nkaeɛdum a mede asi me ne wo ntam no nso nie. 52 Aboɔ Kuo yi ne nkaeɛdum yi nyɛ adanseɛ , me Laban, merentra saa Aboɔ Kuo yi ne nkaeɛdum yi mma baabi a wowɔ mmɛtoa wo. Na wo Yakob nso, worentra saa Aboɔ kuo yi ne nkaeɛdum yi mma baabi a mewɔ mmɛtoa me. 53 Ma Abraham Onyankopɔn ne Nahor31.53 Na Nahor yɛ Abraham nuabarima (11.26) ɛnna ɔyɛ Laban nana (24.24,29). Laban somm anyame bebree. Onyankopɔn, wɔn agyanom Onyankopɔn nyɛ ɔtemmufoɔ me ne wo ntam."

Enti, Yakob de nʼagya Isak Onyankopɔn ho suro kaa ntam , ɔrentra ɛhyeɛ no. 54 Afei, Yakob bɔɔ Onyankopɔn afɔdeɛ bepɔ no atifi, na ɔhyiahyiaa ne nnamfonom bɛdidiiɛ. Ɛno akyiri no, wɔdaa ne nkyɛn bepɔ no so.

55 Laban sɔree anɔpatutuutu fefee ne nananom ne ne mmammaa no ano, hyiraa wɔn. Ɛno akyiri no, ɔsane nʼakyi kɔɔ ne kurom.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-