Pular para o conteúdo
Publicidade

Gênesis 37

Yosef Daeɛso

1 Yosef tenaa Kanaan asase a na nʼagya te so ɔhɔhoɔ no so.

2 Yosef abusua ho asɛm nie:

Ɛberɛ a Yakob ba Yosef dii mfirinhyia dunson no, na ɔne ne nuanom hwɛ wɔn agya Yakob nnwan so. Na ɔyɛ Bilha ne Silpa a wɔyɛ nʼagya yerenom no mmammarima no ɔboafoɔ. Na ɔyɛ obi a nneɛma a ne nuanom no a ɛnyɛ no, ɔtaa bɛka kyerɛ wɔn agya Yakob.

3 Na Israel ne ba Yosef asɛm sene ne mma a aka no nyinaa, ɛfiri , ɔwoo no ne nkɔkoraaberɛ mu; ɛno enti, ɔpam batakari bi a ɛyɛ maa no. 4 Ɛberɛ a ne nuanom no hunuu wɔn agya nʼasɛm sene wɔn nyinaa no, wɔtan no a na wɔnka abodwosɛm nkyerɛ no.

5 Ɛda bi, Yosef soo daeɛ. Ɔkaa daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ ne nuanom mmarima no, wɔtan no kyɛnee kane no mpo. 6 Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no , "Montie daeɛ bi a maso. 7 Mesoo daeɛ, na yɛrekyekyere aburoo afiafi afuom. Ɛberɛ a yɛgu so rekyekyere aburoo no, amonom ara, me afiafi a makyekyere no sɔre gyinaa ntenten. Mo afiafi a moakyekyere no nso twaa me deɛ no ho hyiaeɛ, kotoo no."

8 Yosef nuanom no bisaa no , "Enti, wʼadwene ne wobɛdi yɛn so anaa? Wogye di , ampa ara, wobɛtumi aka yɛn ahyɛ?" Esiane ne daeɛ a ɔsoeɛ no ne asɛm a ɔkaeɛ no enti, ɛmaa ne nuanom no kyirii no kɔkɔɔkɔ.

9 Afei, ɔsane soo daeɛ bio. Ɔkaa daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ ne nuanom no , "Montie: Maso daeɛ foforɔ bio. Mesoo daeɛ, na owia, ɔsrane ne nsoromma dubaako rekoto me."

10 Saa daeɛ yi deɛ, ɔka kyerɛɛ nʼagya ne ne nuammarimanom no. Nʼagya tee saa daeɛ no, ɔkaa nʼanim , "Ɛdeɛn daeɛ na woaso yi? Wopɛ wokyerɛ ampa ara, wo maame ne me ne wo nuammarimanom no bɛba abɛkoto wo anaa?" 11 Yei maa ne nuammarimanom no ani beree no mmorosoɔ. Nanso, nʼagya deɛ, ɔdwenee asɛm no ho kɔɔ akyiri.

Yosef Nuanom Ne Ho

12 Ɛda bi, Yosef nuammarimanom no de wɔn agya nnwan kɔɔ adidi Sekem. 13 Israel ka kyerɛɛ Yosef , "Sɛdeɛ wonim no, wo nuanom no de mmoa no adidi Sekem. Bra, na mensoma wo wɔn nkyɛn."

Yosef buaa , "Yoo, agya, mate."

14 Enti, Israel ka kyerɛɛ Yosef , "na kɔhwɛ wo nuanom ho te sɛn, na nnwan no nso, na sane bɛka biribi kyerɛ me." Enti, Israel somaa Yosef firii Hebron subɔnhwa no mu.

Ɛberɛ a Yosef duruu Sekem no, 15 ɔbarima bi hunuu no ɔnenam wura no mu. Ɔbarima no bisaa no , "Worehwehwɛ ɛdeɛn?"

16 Yosef buaa no , "Merehwehwɛ me nuammarima. Mesrɛ wo, wobɛtumi akyerɛ me baabi a wɔde wɔn nnwan no adidi?"

17 Ɔbarima no buaa no , "Wo nuammarimanom no afiri ha . Metee wɔreka , Momma yɛnkɔ Dotan.’ "

Enti, Yosef tii ne nuanom no, kɔtoo wɔn Dotan . 18 Ɛberɛ a Yosef fitiiɛ no, wɔhunuu no akyirikyiri ɔreba. Ansa na ɔreduru wɔn nkyɛn no, wɔbɔɔ ne ho wɔbɛkum no.

19 Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho , "Monhwɛ! Ɔdaeɛsofoɔ no na ɔreba no! 20 Mommra seesei ara, na yɛnkum no, na yɛnto no ntwene amena no bi mu, na yɛnkɔka nkyerɛ yɛn agya , aboa bi akye no awe, na yɛnhwɛ biribi bɛfiri ne daeɛ ahodoɔ no mu aba anaa."

21 Ruben a ɔyɛ wɔn nua panin tee saa asɛm yi no, ɔbɔɔ mmɔden ɔbɛgye Yosef nkwa. Ɔkaa , "Mommma yɛnkum no. 22 Monnhwie mogya ngu. Momma yɛnto no ntwene amena a ɛwɔ ɛserɛ yi so no bi mu. Na mommma yɛmfa yɛn nsa nka no." Ruben kaa saa asɛm yi de gyee no firii wɔn nsam, sɛdeɛ ɔbɛnya ɛkwan de no akɔhyɛ wɔn agya nsa.

23 Yosef bɛduruu ne nuammarimanom no nkyɛn no, wɔworɔɔ ne batakari fɛfɛ a ɛhyɛ no no. 24 Afei, wɔtoo no twenee amena bi mu. Saa amena no, na nsuo biara nni mu.

Wɔtɔn Yosef

25 Afei, ɛberɛ a anuanom no tenaa ase wɔredidi no, wɔtoo wɔn ani hunuu nyoma bebree sa so reba faako a na wɔrebɛdidi no. Wɔhunuu saa nkurɔfoɔ no Ismaelfoɔ adwadifoɔ bi a wɔsoso hyehwam, akyenkyennuro ne kurobo a wɔde firi Gilead rekɔtɔn no Misraim asase so.

26 Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom no , "yɛkum yɛn nua yi, kata ne mogya so a, ɛdeɛn mfasoɔ na yɛbɛnya. 27 Momma yɛnyi no, na yɛntɔn no mma Ismaelfoɔ adwadifoɔ yi, sene yɛbɛkum no. Ɛkɔsi sɛn ara a, ɔyɛ yɛn nua kumaa a ɔyɛ yɛn busuani." Ne nuanom mmarima no penee nʼadebisa no so.

28 Ɛberɛ a Midian adwadifoɔ no bɛduru no, Yosef nuanom no yii no firii amena no mu, tɔn no gyee dwetɛ gram ahanu aduonu nwɔtwe (228) maa Ismaelfoɔ no, maa wɔde no kɔɔ Misraim.

29 Ruben sane nʼakyi baa amena no ho, na ɔhunuu Yosef nni amena no mu no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu. 30 Ɔkɔɔ ne nuammarimanom no , kɔka kyerɛɛ wɔn , "Abarimaa no nni oo! Enti, seesei menyɛ me ho dɛn ni!"

31 Afei, anuanom no faa Yosef batakari no, kumm abirekyie, de batakari no nuu ne mogya no mu. 32 Wɔde Yosef batakari fɛfɛ no kɔɔ wɔn agya nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no , "Yɛhunuu saa atadeɛ yi wura mu baabi. Hwɛ ɛyɛ Yosef atadeɛ anaa?"

33 Wɔn agya hunuiɛ ampa, kaa , "Nokorɛ, ɛyɛ me ba Yosef atadeɛ! Aboa bi akye no awe. Ampa ara , aboa ko no atete Yosef ɛnam pasaa."

34 Na Yakob sunsuanee ne ntadeɛ mu, hyɛɛ ayitadeɛ, suu ne ba no nna bebree. 35 Ne mmammarima ne ne mmammaa nyinaa bɛtwaa ne ho hyiaeɛ, kyekyeree ne werɛ, nanso ankɔsi hwee. Yakob kaa , "Dabi, mede awerɛhoɔ bɛwu akɔto me ba no asamando." Enti, nʼagya Yakob suu no.

36 Deɛ ɛbaeɛ ne , Midianfoɔ no nso kɔtɔn Yosef maa Potifar Misraim. Saa Potifar no na ɔyɛ ɔhene Farao dabehene ne nʼawɛmfoɔ so panin.

Veja também