Pular para o conteúdo
Publicidade

Gênesis 38

Yuda Ne Tamar

1 Ɛbaa saa ɛberɛ no ara mu, Yuda tu firii ne nuammarimanom no nkyɛn ne Adulamni ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hira kɔtenaeɛ. 2 Ɛhɔ na Yuda kɔhyiaa Kanaanni ɔbaa bi a ɔyɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sua no babaa. Yuda waree Sua babaa no. 3 Sua babaa no nyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima, na wɔtoo no edin Er. 4 Sua babaa no sane nyinsɛneeɛ woo ɔbabarima bio. Wɔtoo abɔfra no edin Onan. 5 Sua babaa no nyinsɛneeɛ ne mprɛnsa so Kesib, woo ɔbabarima bio. Saa abarimaa no nso, wɔtoo no edin Sela.

6 Ɛberɛ a Yuda abakan Er nyiniiɛ no, wɔwaree ababaawa bi a wɔfrɛ no Tamar maa no. 7 Esiane na Yuda abakan Er omumuyɛfoɔ Awurade anim no enti, Awurade kumm no.

8 Er wuo akyiri no, Yuda ka kyerɛɛ Er akyiri ba Onan , "Ɛsɛ woware okunafoɔ Tamar, sɛdeɛ yɛn amanneɛ te no, na wo ne no wo a, mma no ayɛ wo nua no adedifoɔ." 9 Esiane na Onan mpɛ ɔbɛwo akyɛ a mmɔfra no renyɛ nʼankasa mma enti, ɔne okunafoɔ Tamar kɔda a, ɔmma nʼahobaa no ngu ɔbaa no mu. Mmom, ɔma no gu fam sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrenwo ɔba a ɛbɛyɛ ne nua owufoɔ no deɛ. 10 Esiane deɛ ɔyɛeɛ no nsɔ Awurade ani, ɔmpɛ ɔwo ba ma ne nua owufoɔ no enti, ɔno nso, ɔkumm no.

11 Afei, Yuda ka kyerɛɛ nʼase okunafoɔ Tamar , "Tu na kɔtena wʼagya fie okunafoɔ kɔsi me babarima Sala bɛnyini." Na ɔsuro , Sela nso bɛwu, sɛdeɛ ne nuanom mpanimfoɔ Er ne Onan wuwuiɛ no. Enti, Tamar tu kɔtenaa nʼagya fie .

12 Ɛwɔ ara na Yuda yere a ɔyɛ Sua babaa no nso wuiɛ. Ɛberɛ a wɔyii Yuda firii kuna mu no, ɔkɔɔ ne nnwanhotwitwafoɔ nkyɛn Timna. Ɔrekɔ no, ɔne nʼadamfo Adulamni Hira na ɛkɔeɛ.

13 Obi bɛbɔɔ Tamar amaneɛ , "Wʼase Yuda rebɛtwam akɔ Timna akɔtwitwa ne nnwan ho nwi." 14 Enti, Tamar yii ne kuna ntadeɛ no guu . Ɔfaa nkatanimu kataa nʼanim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara nhunu ɛyɛ ɔno Tamar. Afei, ɔkɔtenaa Enaim kurotia Timna ɛkwan so. Ɛfiri , ɔhunuu Sela anyini deɛ, nanso na Yuda mmaa ne babarima no kwan mmaa ɔmmɛwaree no.

15 Ɛberɛ a Yuda hunuu Tamar no, na ɔdwene ɔyɛ ɔbaa dwamanfoɔ bi, ɛfiri , na wakata nʼanim. 16 Yuda kɔɔ Tamar nkyɛn ɛkwankyɛn a, na ɔnnim ɔyɛ nʼase. Yuda ka kyerɛɛ no , "Ma yɛnkɔ seesei ara na me ne wo nkɔda."

Tamar bisaa no , "me ne wo kɔda a, wobɛma me ɛdeɛn?"

17 Yuda buaa , "Mɛma wɔde ɔpapo afiri me nnwankuo no mu abrɛ wo."

Tamar bisaa no bio , "Ansa na wode ɔpapo no bɛba no, ɛdeɛn na wode bɛdi wo ho agyinamu?"

18 Yuda nso bisaa no , "Ɛdeɛn adeɛ na wopɛ mede di me ho agyinamu?"

Tamar buaa , "Deɛ fa di wo ho agyinamu ne wo nsa so kawa ne nʼahoma ne saa poma a ɛkura wo yi." Enti, Yuda de saa nneɛma yi nyinaa maa Tamar ne no kɔdaeɛ, ma ɔnyinsɛneeɛ. 19 Tamar firii akyiri no, ɔkɔyii ne nkatanimu no guu , sane faa ne kunatam firaeɛ.

20 Yuda de ɔpapo no maa nʼadamfo Adulamni no , ɔmfa nkɔma ɔbaa no, na ɔnnye nneɛma a ɔde dii ne ho agyinamu no mmrɛ no no, wanhu no. Enti, Adulamni no 21 bisaa kurom hɔfoɔ no , "Ɛhe na hyiadan mu ɔbaa odwamanfoɔ a na ɔte Enaim kwankyɛn frɛfrɛ mmarima no ?"

Wɔbuaa no , "Yɛnni hyiadan mu ɔbaa odwamanfoɔ biara ha."

22 Enti, ɔsane kɔɔ Yuda , kɔka kyerɛɛ no , "Manhunu no. Ɛnna kurom hɔfoɔ nso kaa , Hyiadan mu ɔbaa odwamanfoɔ38.22 Na saa adwamanfoɔ yi rekɔyɛ sɛ saa berɛ no yafununya anyame no. biara nni ha.’ "

23 Yuda nso kaa , "Ma no mfa nneɛma no, na anyɛ saa a wɔbɛsere yɛn. Wo ara wodi ho adanseɛ memaa wode ɔpapo no kɔeɛ, nanso woanhunu no."

24 Ɛbɛyɛ abosome mmiɛnsa akyiri no, Yuda tee nʼase Tamar abɔ adwaman, anyinsɛn.

Ɔtee saa asɛm no, ɔkaa , "Monkɔkye no mmra, na yɛnhye no, nku no."

25 Wɔkɔkyeree Tamar de no reba abɛkum no no, ɔsoma ma wɔkɔka kyerɛɛ nʼase Yuda , "Onipa a ne nneɛma nie no na ɔne me nyinsɛneeɛ. Monhwɛ mobɛhunu onipa ko a saa nsa so kawa ne nʼahoma ne poma yi ne dea no anaa."

26 Yuda gye too mu , saa nneɛma no ne dea. Ɔtoaa so , "Ɔbaa yi ɔteneneeni sen me, ɛfiri , mamfa no amma me babarima Sela anware." Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yuda ankɔ Tamar ho bio.

27 Tamar awoɔ duruu so no, ɔwoo nta. 28 Ɛberɛ a ɔrewo no, nta no mu baako de ne nsa dii ɛkan baeɛ. Enti, ɔbaa a ɔregye no awoɔ no de asaawa kɔkɔɔ bɔɔ abɔfra no abakɔn, kaa , "Yei na wɔwoo no kane." 29 Saa abɔfra no twee ne nsa sane kɔɔ mu. Ɔsane twee ne nsa kɔɔ mu no, wɔwoo ne nua a ɔka ne ho no mmom. Na ɔwogyefoɔ no kaa , "Ɛdeɛn abususɛm ni!" Wɔtoo no edin Peres. 30 Akyire no, ɔwoo ne nuabarima a na asaawa kɔkɔɔ nʼabakɔn no. Wɔtoo ɔno nso edin Serah.

Veja também