Publicidade

Gênesis 4

Kain Ne Habel Afɔrebɔ

1 Afei, Adam de ne ho kaa ne yere Hawa ma ɔnyinsɛne woo abarimaa a wɔfrɛ no Kain. Na ɔkaa , Awurade adaworoma, mawo ɔbabarima. 2 Akyire no, ɔsane woo nʼakyiri ɔbabarima too no edin Habel.

Na Habel bɛyɛɛ odwanhwɛfoɔ, ɛnna Kain nso bɛyɛɛ okuafoɔ. 3 Nna bi akyiri, Kain de nʼafuom nnɔbaeɛ bi kɔbɔɔ Awurade afɔdeɛ. 4 Habel nso de ne nyɛmmoa no mu mmakan a wɔadɔre sradeɛ kɔbɔɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Awurade ani sɔɔ Habel afɔrebɔdeɛ no. 5 Nanso Kain afɔrebɔdeɛ no deɛ, nʼani ansɔ. Asɛm no anyɛ Kain , na ne bo fuiɛ.

6 Awurade bisaa Kain , "Adɛn enti na wo bo afuo? Adɛn enti na woamuna saa? 7 woyɛ ade pa a, wɔbɛgye wo atom. wonyɛ ade pa deɛ a, ɛnneɛ, hwɛ yie. Ɛfiri , bɔne retwɛn ako atia wo, asɛe wo, nanso ɛsɛ wodi ne so."

Kain Kum Habel

8 Ɛda bi Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel , "Ma yɛnkɔ afuom." Ɛberɛ a wɔwɔ afuom no, Kain to hyɛɛ ne nua Habel so, kumm no.

9 Awurade bisaa Kain , "Wo nua Habel he?"

Kain buaa , "Mennim. Mɛyɛ dɛn mahunu? Me na mehwɛ me nua no so anaa?"

10 Awurade bisaa Kain , "Ɛdeɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua mogya su firi asase so frɛ me. 11 Seesei, wɔadome wo, apamo wo afiri asase a ɛbuee nʼano gyee wo nua mogya firii wo nsam no so. 12 woyɛ asase no so adwuma ɛdeɛn ara a, worennya nnɔbaeɛ biara mfiri so. Wobɛyɛ ɔkobɔfoɔ, akyinkyin asase so."

13 Kain kaa , "Awurade mʼasotweɛ boro me so. 14 Ɛnnɛ, woapam me afiri asase so ne wʼanim. Mɛyɛ ɔkobɔfoɔ akyinkyin asase so na obiara a ɔbɛnya me no bɛkum me."

15 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ no , "Ɛnte saa koraa! Obiara a ɔbɛkum Kain no bɛnya Kain asotwe no mprɛnson." Afei, Awurade hyɛɛ Kain agyiraeɛ bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara a ɔbɛhyia no no renkum no. 16 Enti, Kain dwane firii Awurade anim, kɔtenaa Nod asase so Eden apueeɛ fam.

Anibue Ahyɛaseɛ

17 Kain de ne ho kaa ne yere na ɔnyinsɛnee, woo ɔbabarima, too no edin Henok. Saa ɛberɛ no, Kain kyekyeree kuro bi de too ne ba Henok. 18 Henok woo Irad. Irad woo Mehuyael. Mehuyael woo Metusael. Metusael woo Lamek.

19 Lamek waree mmaa baanu a wɔn din de Ada ne Sila. 20 Ada woo Yabal a nʼasefoɔ wɔn a wɔte ntomadan mu yɛn mmoa. 21 Na Yabal nuabarima din de Yubal a nʼasefoɔ mmɛnhyɛnfoɔ ne asankubɔfoɔ. 22 Sila woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Tubal-Kain. Na ɔyɛ kɔbere dwumfoɔ ne nnadeɛ ahodoɔ nyinaa atomfoɔ agya. Na Tubal-Kain nuabaa bi a ne din de Naama.

23 Ɛda bi Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom Ada ne Sila ,

"Montie me, me yerenom

makum aberanteɛ bi a,

ɔto hyɛɛ me so, piraa me.

24 Kain so aweretɔ bɛyɛ mprɛnson a,

ɛnneɛ, me Lamek, deɛ ɔbɛkum me no, nʼasotwe bɛyɛ mpɛn aduɔson nson."

25 Akyire yi, Adam de ne ho kaa ne yere Hawa. Na ɔwoo ɔbabarima bio. Na wɔtoo no edin Set kaa , "Onyankopɔn ama me ɔba foforɔ asi Habel a Kain kumm no no ananmu." 26 Set nso woo ɔbabarima na ɔtoo no edin Enos.

Saa ɛberɛ no mu na nnipa hyɛɛ aseɛ bɔɔ Awurade edin.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-