Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 4

12 woyɛ asase no so adwuma ɛdeɛn ara a, worennya nnɔbaeɛ biara mfiri so. Wobɛyɛ ɔkobɔfoɔ, akyinkyin asase so."

13 Kain kaa , "Awurade mʼasotweɛ boro me so. 14 Ɛnnɛ, woapam me afiri asase so ne wʼanim. Mɛyɛ ɔkobɔfoɔ akyinkyin asase so na obiara a ɔbɛnya me no bɛkum me."

15 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ no , "Ɛnte saa koraa! Obiara a ɔbɛkum Kain no bɛnya Kain asotwe no mprɛnson." Afei, Awurade hyɛɛ Kain agyiraeɛ bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara a ɔbɛhyia no no renkum no. 16 Enti, Kain dwane firii Awurade anim, kɔtenaa Nod asase so Eden apueeɛ fam.

Veja também