Publicidade

Josué 3

Israelfoɔ Twa Asubɔnten Yordan

1 Adeɛ kyee anɔpahema no, Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa tu firii Sitim kɔduruu Asubɔnten Yordan nsunoa, baabi a wɔtenaa nna kakra ansa na wɔretwa. 2 Nnansa akyi no, Israelfoɔ ntuanofoɔ no faa atenaeɛ nyinaa 3 maa nnipa no akwankyerɛ , "mohunu Lewifoɔ asɔfoɔ no so Awurade, mo Onyankopɔn Apam Adaka no a, monni wɔn akyi. 4 Esiane momfaa ha da no enti, wɔbɛkyerɛ mo ɛkwan. Momma akwansini fa nna mo ne wɔn ntam, na moammɛn Apam Adaka no. Monhwɛ na moammɛn ho."

5 Yosua ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no , "Monnwira mo ho, ɛfiri , ɔkyena Awurade bɛyɛ anwanwadeɛ mo mu."

6 Anɔpa no, Yosua ka kyerɛɛ asɔfoɔ no , "Mompagya Apam Adaka no na momfa nni nnipa no anim ntwa asubɔnten no." Ɛno enti wɔsiim.

7 Awurade ka kyerɛɛ Yosua , "Ɛnnɛ, mɛhyɛ aseɛ ayɛ wo kɛseɛ Israelfoɔ no nyinaa ani so. Na ɛbɛma wɔahunu , meka wo ho sɛdeɛ na meka Mose ho no. 8 Fa saa akwankyerɛ yi ma asɔfoɔ a wɔso Apam Adaka no: moduru Asubɔnten Yordan nsunoa a, monnante nkɔ nsuo no mu kakra na monnyina.’ "

9 Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no , "Mommra mmɛtie asɛm a Awurade, mo Onyankopɔn aka. 10 Ɛnnɛ mobɛhunu Onyankopɔn teasefoɔ no ka mo ho. Ampa ara ɔbɛpam Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Hewifoɔ, Perisifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ ne Yebusifoɔ. 11 Monnwene ho! Apam Adaka a ɛyɛ Awurade a asase nyinaa ne dea no bɛdi mo anim de mo atware Asubɔnten Yordan. 12 Afei, monyiyi nnipa dumienu a ɔbaako biara firi mmusuakuo dumienu no mu. 13 Asɔfoɔ no bɛsoa Awurade a ɔyɛ asase nyinaa wura no Adaka no. wɔn nan nya si nsuo no mu ara , asuo no bɛtwa afiri atifi ama ano aboa ."

14 Ɛberɛ a nnipa no sɔree wɔrekɔtwa Yordan no, asɔfoɔ a na wɔso Apam Adaka no dii wɔn anim. 15 Na ɛyɛ otwaberɛ mu enti na Yordan no ayiri aba nsunoa. Nanso, asɔfoɔ a wɔso Adaka no nan sii asuo no ano , 16 asuo no ano hyɛɛ aseɛ boaa nʼatifi fam, baabi a wɔfrɛ Adam a ɛbɛn Saretan. Na asuo a ɛwɔ anafoɔ no nso tene kɔguu Nkyene Ɛpo no mu kɔsii asuo no subɔnhwa no weeɛ. Enti, nnipa no nyinaa twaa beaeɛ bi a ɛbɛn Yeriko kuropɔn no. 17 Saa ɛberɛ no mu, asɔfoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no gyinaa asase kesee so subɔnhwa no mfimfini ma nnipa no nyinaa twaa mu. Wɔtwɛnee kɔsii obiara faa asase kesee so twaa Yordan.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-