Pular para o conteúdo
Publicidade

Juízes 9

Abimelek Di Ɔhene Sekem

1 Ɛda koro bi, Yerub-Baal babarima Abimelek kɔɔ Sekem kɔsraa ne wɔfanom a wɔyɛ ne maame nuanom mmarima. Ɔka kyerɛɛ wɔn ne ne ne maame fiefoɔ nkaeɛfoɔ , 2 "Mommisa ɔmanfoɔ a wɔwɔ Sekem no , wɔpɛ Yerub-Baal mmammarima aduɔson no nyinaa di wɔn so anaasɛ wɔpɛ ɔbarima baako di wɔn so? Na monkae meyɛ mo bogyani!"

3 Enti, Abimelek wɔfanom gyinaa nʼanan mu kasa kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Sekem nyinaa. Na wɔtiee wɔn adwenkyerɛ no, wɔpenee so faa Abimelek, ɛfiri , ɔyɛ wɔn busuani. 4 Wɔfaa dwetɛ sika pranpran aduɔson firi Baal-Berit asɔreeɛ so de maa Abimelek, na ɔde faa asraafoɔ a wɔpenee so wobɛdi nʼakyi. 5 Ɔde asraafoɔ no kɔɔ nʼagya kurom Ofra. Na ɛhɔ, ɛboɔ bi so, na ɔkunkumm nʼagya mmammarima aduɔson no nyinaa. Nanso ne nuanom mu akumaa koraa a wɔfrɛ no Yotam no dwane kɔtɛɛ baabi. 6 Enti, Sekemfoɔ ne Bet-Milofoɔ yɛɛ nhyiamu odupɔn a ɛbɛn nkaeɛdum a ɛwɔ Sekem no ase. Wɔsii Abimelek wɔn so ɔhene.

7 Yotam tee asɛm yi no, ɔforo kɔɔ Gerisim bepɔ no atifi na ɔteaam ka kyerɛɛ wɔn , "Sekemfoɔ montie me! mopɛ Onyankopɔn tie mo deɛ a, montie me! 8 Ɛberɛ bi, nnua nyinaa pɛɛ wɔsi wɔn so ɔhene. Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔka kyerɛɛ ngo dua , Bɛdi yɛn so ɔhene!

9 "Nanso, wampene so kaa , Adɛn? Mennyae me ngo a wɔde hyɛ Onyankopɔn ne nnipa animuonyam no, na menkɔkyinkyin nnua a aka so anaa?

10 "Afei, wɔka kyerɛɛ borɔdɔma , Bɛdi yɛn so ɔhene!

11 "Borɔdɔma nso buaa , Na mennyae aba so na menkyini nnua foforɔ so?

12 "Afei wɔka kyerɛɛ bobe , Bɛdi yɛn so ɔhene.

13 "Na bobe no buaa , megyae me nsa pa a ɛma anyame ne nnipa anigyeɛ no ma a, na afei na merebɛkyini nnua bi so?

14 "Ne korakora ne , nnua no nyinaa ka kyerɛɛ nkasɛɛ , Bɛdi yɛn so ɔhene.

15 "Na nkasɛɛ buaa , ɛyɛ mo adwene kann mode me bɛsi mo so ɔhene a, mommra mmɛhyɛ me nwunu yi ase. ɛnte saa a, momma ogya mfiri nkasɛɛ mu mmɛhye Lebanon ntweneduro nyinaa.

16 "Afei mogye di moayɛ deɛ ɛho nyam, na ɛnam ne kwan mu mode Abimelek asi mo so ɔhene, na moayɛ Yerub-Baal ne nʼasefoɔ nyinaa apɛdeɛ. Moayɛ deɛ ɛfata ama mʼagya anaa? 17 Na ɔko maa mo de ne ho bɔɔ afɔdeɛ ɛberɛ a ɔgyee mo firii Midianfoɔ nsam no. 18 Na ɛnnɛ moasɔre atia mʼagya ne nʼasefoɔ, akunkum ne mmammarima aduɔson ɛboɔ baako so. Mode Abimelek a ɔyɛ ne ɔsomfoɔ baa babarima asi Sekem manfoɔ so ɔhene, ɔyɛ mo busuani enti. 19 moayɛ deɛ ɛho nyam na ɛnam ne kwan mu ama Yerub-Baal ne nʼasefoɔ a, ɛnneɛ mobɛnya ahosɛpɛ Abimelek mu na ɔno nso anya ahosɛpɛ mo mu. 20 deɛ moayɛ no mfa ne kwan mu deɛ a, ɛnneɛ ogya mfiri Abimelek nkyɛn mmɛhye mo, Sekemfoɔ ne Bet-Milofoɔ. Na ogya nso mfiri Sekemfoɔ ne Bet-Milofoɔ nkyɛn mmɛhye Abimelek!"

21 Na ɛsiane Abimelek ho suro enti, ne nuabarima Yotam dwane kɔtenaa Beer.

Sekem Sɔre Tia Abimelek

22 Abimelek dii Israel so mfeɛ mmiɛnsa akyi no, 23 Onyankopɔn somaa honhom fi bi maa ɔde ɔhaw baa Abimelek ne Sekem mpanimfoɔ ntam na wɔtee atua. 24 Nsɛm a ɛsisii akyire no mu no, Onyankopɔn twee Abimelek ne Sekemfoɔ aso wɔkunkumm Yerub-Baal mmammarima aduɔson no. 25 Sekem mmarima bi kɔtɛɛ Abimelek mmepɔ atifi, na wɔbɔɔ obiara a ɔtwaam no apoo. Nnipa bi kɔɔ Abimelek nkyɛn kɔtii nʼase.

26 Saa ɛberɛ no, Ebed babarima Gaal ne ne nuammarima kɔɔ Sekem. Na Sekemfoɔ no nyaa wɔn mu awerɛhyɛmu. 27 Ɛberɛ a wɔredi otwa afahyɛ Sekem ɛhɔ nyame bi asɔreeɛ so no, bobesa buu so maa obiara hyɛɛ aseɛ domee Abimelek. 28 Ebed babarima Gaal teaam , "Hwan ne Abimelek? Ɔnyɛ Sekem aseni kann, na adɛn enti na ɛsɛ yɛyɛ nʼasomfoɔ? Ɔyɛ Yerub-Baal babarima kɛkɛ na Sebul na ɔtoto ne ɔman ho nhyehyɛeɛ ma no. Monsom nnipa a wɔfiri Hamor, wɔn na wɔyɛ Sekem asefoɔ kann. Adɛn enti na ɛsɛ yɛsom Abimelek? 29 mewɔ tumi a, anka mɛyi Abimelek afiri . Anka mɛka akyerɛ no , asraafoɔ bebree bra bɛko!’ "

30 Na Sebul a ɔtua kuro no ano tee deɛ Ebed babarima Gaal rekeka no, ne bo fuiɛ. 31 Ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Abimelek nkyɛn Aruma, kɔka kyerɛɛ no , "Ebed babarima Gaal ne ne nuammarima abɛtena Sekem na wɔretu ɔmanfoɔ no aso wɔnsɔre ntia wo. 32 Fa akodɔm bra anadwo bɛtɛ mfuo yi mu. 33 Adeɛ kyeeɛ ara , to hyɛ kuropɔn yi so. Na Gaal ne nʼapamfoɔ ba bɛtia wo a, deɛ wopɛ biara wotumi wɔn."

34 Na Abimelek ne ne mmarima kɔɔ anadwo no, na wɔkyɛɛ wɔn mu akuo ɛnan de twaa Sekem ho hyiaeɛ. 35 Ɛberɛ a Abimelek ne nʼakodɔm pue firii atɛeɛ mu no, na Ebed babarima Gaal gyina kuro no ɛpono ano. 36 Ɛberɛ a Gaal hunuu wɔn no, ɔka kyerɛɛ Sebul , "Hwɛ, nnipa bi firi bepɔ no so reba!"

Sebul buaa , "Ɛyɛ mmepɔ no sunsum na ayɛ nnipa no."

37 Nanso Gaal sane kaa , "Dabi, nnipa bi resiane mmepɔ no. Na ekuo foforɔ nso nam ɛkwan a ɛfa Akɔmfoɔ Dupɔn ho no reba."

38 Afei, Sebul dane guu ne so , "Anosɛm a na woyeyɛ no aseɛ ne sɛn? Ɛnyɛ wo ara na wokaa Hwan ne Abimelek, na adɛn enti na ɛsɛ yɛyɛ ne nkoano? Nnipa a wodii wɔn ho no, wɔaduru yɛn mfikyire ha yi ara! na wo ne wɔn nkɔko!"

39 Enti Gaal dii Sekem mmarima anim wɔrekɔko atia Abimelek, 40 nanso, ɔdii nkoguo na ɔdwaneeɛ. Wɔkunkumm Sekem akofoɔ bebree sɛɛ wɔn afunu kɛtɛ ɛkwan a ɛkɔ kuropɔn no ɛpono ano no so. 41 Abimelek tenaa Aruma ɛnna Sebul pamoo Gaal ne ne nuanom mmarima firii Sekem.

42 Adeɛ kyeeɛ no, Sekemfoɔ no kɔɔ wira mu wɔrekɔko. Abimelek teeɛ no, 43 ɔkyɛɛ ne mmarima mu akuakuo mmiɛnsa ma wɔkɔtetɛɛ wira mu. Ɛberɛ a Abimelek hunuu nnipa no firi kuropɔn no mu reba no, ɔne ne mmarima no firii wɔn atɛeɛ mu to hyɛɛ wɔn so. 44 Abimelek ne ne kuo no kɔgyee kuropɔn no ɛpono ano faeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Sekemfoɔ rentumi nsane wɔn akyi. Afei, akuo mmienu to hyɛɛ Sekemfoɔ a wɔwɔ wiram no so kunkumm wɔn. 45 Ɔko no kɔɔ so ɛda mu no nyinaa ansa na Abimelek redi kuropɔn no so koraa. Ɔkunkumm nnipa no, sɛee kuropɔn no, na ɔpetee nkyene nyinaa.

46 Nnipa a wɔte Sekem abantenten mu tee asɛm a asi no, wɔkɔhintaa Baal-Berit asɔreeɛ so. 47 Obi kɔbɔɔ Abimelek amaneɛ nnipa no bi aboa wɔn ho ano asɔreeɛ so , 48 enti ɔdii nʼakodɔm anim kɔɔ Salmon Bepɔ so. Ɔfaa akuma twaa mman bi firii dua bi so na ɔde guu ne mmati so. Ɔka kyerɛɛ ne dɔm no , "Ntɛm, deɛ mayɛ yi, monyɛ bi!" 49 Enti, wɔn mu biara twitwaa dua mman no bi, sɛdeɛ Abimelek yɛeɛ no. Wɔboaa mman no ano asɔreeɛ no afasuo ho de ogya too mu. Enti, nnipa a na wɔte Sekem abantenten mu a wɔn dodoɔ bɛyɛ mmarima ne mmaa apem no nyinaa wuwuiɛ.

50 Afei Abimelek to hyɛɛ kuropɔn Tebes so dii so. 51 Nanso, na abandenden bi kuropɔn no mu. Ɛno enti, kuropɔn no mu nnipa nyinaa dwane kɔhyɛɛ mu. Wɔtoo wɔn ho ɛpono mu, foforo kɔɔ abandenden no atifi pɛɛ. 52 Abimelek toaa wɔn ɔrekɔto ahyɛ abandenden no so. Ɔyɛɛ nʼadwene ɔreto mu ogya , 53 ɔbaa bi a ɔwɔ abandenden no atifi gyaa ayuyammoɔ mu ma ɛbɛbɔɔ Abimelek moma so na ɛpɛkyɛɛ ne ti kwankoraa.

54 Abimelek ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔkura nʼakodeɛ , "Twe wʼakofena na kum me! Na nnipa anka ɔbaabasia na ɔkumm Abimelek!" Enti, aberanteɛ no de nʼakofena wɔɔ no ma ɔwuiɛ. 55 Ɛberɛ a Abimelek nkurɔfoɔ hunuu wawuo no, wɔde wɔn akodeɛ guu sane kɔɔ wɔn afie mu.

56 Saa na Onyankopɔn twee Abimelek aso bɔne a ɔyɛ de tiaa nʼagya ɔkumm ne nuammarima aduɔson no. 57 Saa ara na Onyankopɔn twee mmarima a wɔwɔ Sekem aso wɔn bɔne ahodoɔ a wɔyɛeɛ no ho. Ɛno enti, Yerub-Baal babarima Yotam nnome no baa mu.

Veja também