Pular para o conteúdo
Publicidade

Hosea 3

Hosea Ne Ne Yere Nkabom

1 Na Awurade ka kyerɛɛ me , "na kɔfa wo yere no bio. Fa no sane bra wo nkyɛn, na no. Ɛmfa ho ɔfoforɔ bi no anaa ɔyɛ ɔwaresɛefoɔ. no, sɛdeɛ Awurade da so Israel a, mpo, nnipa no adane wɔn ho anyame foforɔ nkyɛn, na wɔma wɔn bobe aba taterɛ no."

2 Enti, mede gram ɔha aduɔson baako (gram 171) ne atokoɔ kɛntɛn baako (lita 182) ne atokoɔ lita aduɔkron baako kɔpataa no. 3 Na meka kyerɛɛ no , "Ɛsɛ wo ne me tena nna bebree, na wogyae wʼadwamammɔ no; wo ne ɔbarima biara nnyɛ nnamfo. Me ne wo bɛtena, nanso me ne wonna."

4 Na ɔman Israel bɛwɔ nna tenten bi a ɔhene anaa ɔheneba nni mu, na wɔmmɔ afɔdeɛ. Wɔrenhunu ɔbosom dum anaa asɔfotadeɛ anaa ahoni nso . 5 Akyire yi, Israelfoɔ bɛsane akɔhwehwɛ Awurade, wɔn Onyankopɔn, ne Dawid a ɔyɛ wɔn ɔhene no. Wɔde ahopopoɔ bɛba Awurade nkyɛn na wɔbɛnya ne nhyira nna a ɛdi akyire no mu.

Veja também