Pular para o conteúdo
Publicidade

Jeremias 15

1 Afei Awurade ka kyerɛɛ me se, "mpo, Mose ne Samuel15.1 Mose ne Samuel. Wogyee din efisɛ wogyinaa mu maa Israel nnebɔneyɛfo no wɔ Awurade anim. (2 Mose 32.11-14,30-34; 4 Mose 14.13-23; 5 Mose 9.18-20,25-29; 1 Sam 7.5-9; 12.19-25; Nnw 99.6-8). begyinaa mʼanim a anka me koma rentɔ nkɔ saa nnipa yi so. Ma womfi mʼani so! Ma wɔnkɔ! 2 Na wobisa wo se, Ɛhe na yɛnkɔa, ka kyerɛ wɔn se, Sɛɛ na Awurade se:

" Wɔn a wɔahyɛ owu ama wɔn no, bɛkɔ owu mu;

wɔn a wɔahyɛ afoa ama wɔn no bɛtotɔ afoa ano;

wɔn a wɔahyɛ ɔkɔm ama wɔn no, ɔkɔm bɛde wɔn;

wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommum mu.

3 "Mede adesɛefo ahorow anan bɛba wɔn so," Awurade na ose, "afoa a ebekunkum wɔn, akraman a wɔbɛtwe wɔn ase akɔ, wim nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtetew wɔn nam asɛe wɔn. 4 Mɛma wɔayɛ akyiwade ama asase so ahenni nyinaa, esiane nea Yudahene Hesekia babarima Manase yɛɛ Yerusalem nti.

5 "Hena na obehu wo mmɔbɔ, Yerusalem?

Hena na obegyam wo?

Hena na obegyina abisa sɛnea wo ho te?

6 Woapo me," Awurade na ose.

"Wugu akyirisan so ara.

Ɛno nti mɛteɛ me nsa wo so na masɛe wo.

Me yam renhyehye me mma wo bio.

7 Mede nhuhuwso apampaa behuhuw wɔn so

asase no kuropɔn apon ano.

Mede owu ne ɔsɛe bɛba me nkurɔfo so,

efisɛ wɔnsakraa wɔn akwan ɛ.

8 Mɛma wɔn akunafo adɔɔso

asen mpoano nwea.

Mede ɔsɛefo bɛba owigyinae,

abɛhaw wɔn mmerante nanom;

mpofirim mede

ɔyaw ne ehu bɛba wɔn so.

9 Ɔbeatan a wawo ason bɛtɔ beraw,

na wagyaa mu.

Ne wia bɛtɔ bere a ade nsaa ɛ;

wobegu nʼanim ase abrɛ no ase.

Mede nkae no bɛma afoa

wɔn atamfo anim,"

Awurade na ose.

10 Ao, me na a wowoo me,

onipa a asase no sofo nyinaa ne me ham, di aperepere!

Memfɛm obi biribi na memmɔɔ bosea mfii obi ɛ,

nanso obiara dome me.

11 Awurade kae se,

"Nokware megye wo ama botae pa bi;

ampa ara mɛma wʼatamfo apa wo kyɛw

amanehunu ne ahohia mmere mu.

12 "Onipa betumi abu dade mu

dade a efi atifi fam, anaa kɔbere?

13 "Mo ahode ne mo nnwetɛbona

mede bɛma wɔmfom a wɔrentua ka,

esiane mo nnebɔne nyinaa

mo man no mu nti.

14 Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfo

ɔman a munnim so so,

mʼabufuw bɛma ogya adɛw

na ɛbɛhyew mo."

15 Wote ase, Awurade;

kae me na hwɛ me so.

wɔn a wɔtaa me no so were.

Wowɔ abodwokyɛre, mma me nwu;

hwɛ sɛnea wo nti wɔbɔ me ahohora.

16 Wo nsɛm bae no, midii;

ɛyɛɛ mʼahosɛpɛw ne me koma apɛde,

na wo din da me so,

Ao, Asafo Awurade Nyankopɔn.

17 Mantena wɔn a wogye wɔn ani fekuw mu,

ne wɔn annye wɔn ani;

metew me ho tenae, efisɛ wo nsa daa me so

na wʼabufuw hyɛɛ me ma.

18 Adɛn nti na me yaw to ntwa da

na mʼapirakuru ayɛ akisikuru a ano den?

Wopɛ woyɛ nnaadaa asuwa ma me,

asuti a ɛyow ana?

19 Enti sɛɛ na Awurade se,

"wosakra wʼadwene a megye wo ato mu bio

na woasom me;

nsɛm a edi mu fi wʼanom, na ɛnyɛ nsɛm huhuw a,

wobɛyɛ me kasamafo.

Ma saa nnipa yi nnan mmra wo nkyɛn,

na wo de, ɛnsɛ wodan wɔn nkyɛn.

20 Mede wo bɛyɛ ɔfasu ama saa nnipa yi,

bammɔ fasu a wɔde kɔbere ato;

wɔne wo bedi asi

nanso wɔrenni wo so nkonim,

efisɛ me ne wo

meyi wo na magye wo nkwa,"

Awurade, na ose.

21 "Megye wo nkwa afi amumɔyɛfo nsam

na mayi wo afi atirimɔdenfo nsam."

Veja também