Ɔnwemfo No Fi
1 Eyi ne Awurade asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn. 2 "Kɔ ɔnwemfo no fi, na hɔ na mede mʼasɛm no bɛma wo." 3 Ɛno nti, mekɔɔ ɔnwemfo no fi na mihuu no sɛ, ɔreyɛ adwuma wɔ ne ntwahode so. 4 Nanso kuku a na ɔde dɔte no reyɛ ho adwuma no sɛe wɔ ne nsam; ɛno nti ɔnwemfo no yɛɛ kuku foforo, sɛnea eye pa ara ma no.
5 Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 6 "Israelfi, merentumi nyɛ mo sɛnea ɔnwemfo yi yɛ ana?" Awurade na ose. "Sɛnea dɔte te wɔ ɔnwemfo nsam no, saa ara na mote wɔ me nsam, Israelfi.