Pular para o conteúdo
Publicidade

Jeremias 20

14 Nnome nka da a wɔwoo me!

Nhyira mpare da a me na woo me.

15 Nnome nka onipa a ɔbɛbɔɔ mʼagya amanneɛ,

nea ɔmaa nʼani gyei, na ɔkae se,

"Wɔawo ɔbabarima ama wo!"

16 Ma saa onipa no nyɛ nkurow a

Awurade tu gui a wannya ahummɔbɔ no.

Ma ɔnte osu anɔpa,

ne akobɛn nnyigyei owigyinae.

17 wankum me awotwaa mu

amma me na anyɛ ɔda amma me no nti,

nʼawotwaa yɛɛ kɛse afebɔɔ.

18 Adɛn koraa na mifii awotwaa mu pue

behuu ɔhaw ne awerɛhow

na mede aniwu rebewie me nkwa nna yi?

Veja também