11 Minim nhyehyɛe a mewɔ ma mo," Awurade na ose, "Nhyehyɛe a ɛde mo besi yiye na ɛrenhaw mo, nhyehyɛe a ɛbɛma mo anidaso ne awiei pa. 12 Afei mobɛfrɛ me na moaba abɛbɔ me mpae, na metie mo. 13 Mobɛhwehwɛ me na mubehu me, sɛ mode mo koma nyinaa hwehwɛ me a.