11 Minim nhyehyɛe a mewɔ ma mo," Awurade na ose, "Nhyehyɛe a ɛde mo besi yiye na ɛrenhaw mo, nhyehyɛe a ɛbɛma mo anidaso ne awiei pa. 12 Afei mobɛfrɛ me na moaba abɛbɔ me mpae, na metie mo. 13 Mobɛhwehwɛ me na mubehu me, sɛ mode mo koma nyinaa hwehwɛ me a. 14 Mubehu me," Awurade na ose, "na meyi mo afi nkoasom mu de mo asan aba. Mɛboaboa mo ano afi amanaman ne mu ne faako a mepam mo kɔɔ no nyinaa," Awurade na ose, "na mede mo bɛsan aba faako a mituu mo fi kɔɔ nnommum mu no bio."