Pular para o conteúdo
Publicidade

Jeremias 31

31 "Bere no reba," Awurade na ose,

"a me ne Israelfi

ne Yudafi bɛyɛ apam foforo.

32 Ɛrenyɛ apam a

me ne wɔn agyanom yɛe no

bere a misoo wɔn nsa,

dii wɔn anim fii Misraim,

esiane wobuu mʼapam so,

bere a na meyɛ okunu ma wɔn no,"

Awurade na ose.

33 "Eyi ne apam a me ne Israelfi bɛyɛ saa bere no akyi,"

Awurade na ose.

"Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu,

na makyerɛw wɔn koma so.

Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn,

na wɔbɛyɛ me nkurɔfo.

Veja também