36 Ɛduruu ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔbɔ anwummerɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ no, odiyifoɔ Elia kɔɔ afɔrebukyia no so, bɔɔ mpaeɛ sɛ, "Ao, Awurade, Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn, kyerɛ ɛnnɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn wɔ Israel, na meyɛ wo ɔsomfoɔ. Kyerɛ sɛ, deɛ mereyɛ yi nyinaa firi wo. 37 Ao, Awurade, tie me! Tie me na saa nnipa yi nyinaa nhunu sɛ, Ao, Awurade, woyɛ Onyankopɔn a woatwe wɔn asane aba wo nkyɛn."