Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Ahemfo 3:7-9

WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

7 "Afei, Ao Awurade, me Onyankopɔn, woasi wʼakoa ɔhene,3.7 Salomo dii adeɛ sɛ ɔhene no, na wadi bɛyɛ mfeɛ aduonu. sɛ mensi mʼagya Dawid anan mu, nanso meyɛ abɔfra ketewaa bi a mennim sɛdeɛ mɛsi ayɛ mʼadwuma. 8 Ɛha na wʼakoa abɛduru wɔ nnipa a woapa wɔn no mu; nnipa a wɔn dodoɔ enti, obi ntumi nkan wɔn. 9 Ɛno enti, ma wʼakoa nhunumu akoma a ɔbɛtumi de adi wo nkurɔfoɔ so, na ɔbɛtumi ahunu papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ. Na hwan koraa na ɔno nko ara bɛtumi adi saa ɔman a wɔdi mu, a wɔyɛ wo dea yi so?"

Em outras traduções

  1. WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

    7 "Afei, Awurade, me Nyankopɔn, woasi wʼakoa ɔhene,3.7 Salomo dii ade sɛ ɔhene no, na wadi bɛyɛ mfe aduonu. sɛ minsi mʼagya Dawid anan mu, nanso meyɛ abofra ketewaa bi a minnim sɛnea mesi ayɛ mʼadwuma. 8 Ɛha na wʼakoa abedu wɔ nnipa a woapaw wɔn no mu; nnipa a wɔn dodow nti, obi ntumi nkan wɔn. 9 Ɛno nti, ma wʼakoa nhumu koma a obetumi de adi wo nkurɔfo so, na obetumi ahu papa ne bɔne ntam nsonoe. Na hena koraa na ɔno nko ara betumi adi saa ɔman a wodi mu, a wɔyɛ wo de yi so?"

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.