Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Ahemfo 4

Elisa Ne Ɔbaa A Ɔfiri Sunem No

8 Ɛda koro bi, Elisa kɔɔ Sunem kurom. Na ɔbaa ɔdefoɔ bi te kuro no mu. Ɔtoo nsa frɛɛ Elisa ɔmmɛdidi. Ɛfiri saa ɛberɛ no, ɛberɛ biara a ɔbɛtwam no, ɔfa kɔdidi. 9 Ɔka kyerɛɛ ne kunu , "Megye di saa ɔbarima yi a ɔtaa ba ha yi Onyankopɔn onipa kronkron. 10 Ma yɛnsiesie ɛdan bi mma no ɛsoro na yɛmfa mpa, ɛpono, akonnwa ne kanea nsi mu mma no. Na ɛberɛ biara a ɔbɛba ha no, wanya baabi asoeɛ."

11 Ɛda bi, Elisa sane baa Sunem. Ɔkɔɔ ne soro dan no mu kɔsoɛe. 12 Ɔka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ Gehasi , "Ka kyerɛ ɔbaa no , mepɛ meka asɛm bi kyerɛ no." Ɔbaa no baeɛ no, 13 Elisa ka kyerɛɛ Gehasi , "Ka kyerɛ no , yɛn ani asɔ ne som pa a wasom yɛn no. Na bisa no deɛ yɛn so yɛbɛtumi ayɛ ama no. Ɔpɛ medi ne ho adanseɛ kyerɛ ɔhene anaa asraafoɔ sahene no?"

Ɔbuaa , "Dabi, ɛfiri , mʼabusuafoɔ hwɛ me yie."

14 Akyire yi, Elisa bisaa Gehasi , "Ɛdeɛn na wogye di yɛbɛtumi ayɛ ama no?"

Ɔto maa no , "Ɔnni babarima na ne kunu nso abɔ akɔkoraa."

15 Elisa ka kyerɛɛ no , "Frɛ no bra bio." Ɔbaa no baeɛ no, Elisa ka kyerɛɛ no ɛpono no ano , 16 "Afe sɛsɛɛ saa ɛberɛ yi ara mu, na ɔbabarima da wo srɛ so."

Ɔteaa mu , "Dabi, me wura, mesrɛ wo, ntwa me nkontompo saa. Ao, Onyankopɔn onipa."

17 Na ampa ara, ɛberɛ tiawa bi akyi, ɔbaa no nyinsɛneeɛ. Na afe saa ɛberɛ no ara, ɔwoo ɔbabarima sɛdeɛ Elisa kaeɛ no pɛpɛɛpɛ.

18 Ne ba no nyiniiɛ no, da bi, ɔkɔsraa nʼagya a na ɔne nʼapaafoɔ reyɛ adwuma. 19 Prɛko , ɔkaa , "Me ti pae me! Me ti pae me!"

Nʼagya ka kyerɛɛ nʼapaafoɔ no mu baako , "Fa no efie kɔma ne maame."

20 Ɔpaani no de no kɔɔ efie. Ne maame gyee no too ne srɛ so. Nanso, ɛduruu owigyinaeɛ mu no, ɔwuiɛ. 21 Ɔpagyaa no de no kɔtoo Onyankopɔn onipa no mpa so. Ɔtoo ɛpono no mu gyaa no kɔeɛ.

22 Ɔsomaa ɔbɔfoɔ kɔbɔɔ ne kunu amaneɛ , "Soma apaafoɔ no baako na ɔmfa afunumu mmra, sɛdeɛ mɛtumi akɔduru Onyankopɔn onipa no ntɛm, asane aba."

23 Ɔbisaa , "Adɛn enti na wopɛ wokɔ ɛnnɛ yi ara? Ɛnyɛ Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ, na ɛnyɛ homeda nso."

Nanso, ɔkaa , "Ɛwom saa."

24 Enti, ɔhyehyɛɛ afunumu no, ka kyerɛɛ ɔpaani no , "Ka wo ho. Ɛnyɛ me enti na wobɛto wo bo ase, na mmom, ara, gye maka to wo bo ase." 25 Ɔrebɛduru Onyankopɔn onipa no nkyɛn bepɔ Karmel so no, Elisa hunuu no akyirikyiri.

Ɔka kyerɛɛ Gehasi , "Hwɛ, ɔbaa a ɔfiri Sunam no reba. 26 Tu mmirika kɔhyia no, na bisa no , Wo ne wo kunu ne wo ba ho anaa?’ "

Ɔbaa no buaa Gehasi , "Yɛn nyinaa ho ."

27 Nanso, ɔbaa Onyankopɔn onipa no nkyɛn bepɔ no so no, ɔhwee ne nan ase, sɔɔ nʼanammɔn mu. Gehasi sum no, nanso Onyankopɔn onipa no kaa , "Gyaa no. Biribi reteetee no, na Awurade nso nkyerɛɛ me dekodeɛ no."

28 Na ɔbaa no kaa , "Wo ara me wura, wo na wokaa , mɛnya ɔbabarima. Na manka ankyerɛ wo mma memfa mʼani nto so?"

29 Na Elisa ka kyerɛɛ Gehasi , "Boa wo ho, na mensoma wo, fa me poma no, na . Nkasa obiara ho ɛkwan so. na fa poma no kɔto abɔfra no anim."

30 Na abarimaa no maame kaa , "Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merenkɔ efie gye woka me ho." Enti, Elisa sane ne no kɔeɛ.

31 Gehasi yɛɛ ntɛm dii ɛkan, de poma no kɔtoo abɔfra no anim, nanso biribiara ansi. Nkwa ho nsɛnkyerɛnneɛ biara amma. Ɔsane nʼakyi kɔhyiaa Elisa, bɔɔ no amaneɛ , "Abɔfra no nnyaneeɛ."

32 Ɛberɛ a Elisa duruu no, ampa na abɔfra no awu da odiyifoɔ no mpa so. 33 Ɔno nko kɔɔ , too ne ho ɛpono mu, bɔɔ Awurade mpaeɛ. 34 Afei, ɔbutuu abɔfra no so, de nʼano tuaa abɔfra no ano, de nʼani fam abɔfra no ani, de ne nsa sosɔɔ abɔfra no nsa. Afei, abɔfra no ho hyɛɛ aseɛ yɛɛ hye bio. 35 Elisa sɔre, dii akɔneaba ɛdan no mu kakra. Afei, ɔdaa abɔfra no so bio. Saa ɛberɛ yi, abɔfra no nwansii mprɛnson, na ɔtee nʼani.

36 Afei, Elisa somaa Gehasi , "Frɛ abɔfra no na bra." Ne maame no baeɛ no, Elisa ka kyerɛɛ no , "Wo ba no nie, fa no ." 37 Ɔfiri ahodwirie mu hwee ne nan ase daa no ase. Afei, ɔfaa ne ba no, de no siane kɔɔ fam.

Veja também