Pular para o conteúdo
Publicidade

Êxodo 16

Nnuane A Ɛfiri Ɔsoro

1 Afei, wɔtu firii Elim baa Sin ɛserɛ so a ɛda Elim ne Bepɔ Sinai ntam. Wɔtu firii Misraim no, bosome a ɛtɔ so mmienu dadu nnanum so na wɔduruu . 2 Wɔduruu no nso, nnipa no kasa tiaa Mose ne Aaron , 3 "Ao! yɛwɔ Misraim bio na anka Awurade rekunkum yɛn a, anka yɛpɛ. Na yɛnya nnuane bebree di . Nanso, mode yɛn abɛgu ɛserɛ so ha ama ɛkɔm rekum yɛn."

4 Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Merebɛtɔ aduane firi soro abɛgu asase so ama wɔn. Obiara bɛtumi akɔboaboa dodoɔ biara a ɔpɛ ano ama deɛ ɔbɛdi no ɛda koro. Mede yei bɛsɔ wɔn ahwɛ wɔbɛdi mʼahyɛdeɛ so anaasɛ wɔrenni so. 5 Ka kyerɛ wɔn na nnawɔtwe biara mu ɛda a ɛtɔ so nsia no, wɔmmoaboa aduane no ano sɛdeɛ daa wɔboaboa no no, mmɔho mmienu."

6 Enti, Mose ne Aaron frɛɛ Israelfoɔ no nyinaa ne wɔn hyiaeɛ ka kyerɛɛ wɔn , "Anwummerɛ yi, mobɛhunu Awurade na ɔyii mo firii Misraim asase so. 7 ɛduru anɔpa a, mobɛhunu nʼanimuonyanneɛ bebree; ɛfiri , wate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no. Na yɛn ne hwan a monnwiinwii tia yɛn? 8 Anwummerɛ yi, Awurade bɛma mo ɛnam awe, na wama mo aduane anɔpa. Ɛfiri , wate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no. Moannwiinwii antia yɛn, na monwiinwii tiaa Awurade."

9 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron , "Ka kyerɛ Israelfoɔ no nyinaa wɔmmra Awurade anim na wɔmmɛtie wɔn anwiinwii no ho mmuaeɛ."

10 Enti, Aaron frɛɛ wɔn boaa ano, na prɛko , wɔmaa wɔn ani so kyerɛɛ baabi a omununkum a ɛrekyerɛ wɔn ɛkwan no no, Awurade firii mu daa nʼanimuonyam kɛseɛ no adi.

11 Awurade ka kyerɛɛ Mose , 12 "Mate wɔn anwiinwii no, ka kyerɛ wɔn , Anwummerɛ, mobɛnya ɛnam awe na anɔpa nso mobɛnya aduane pii adi na mobɛhunu mene Awurade, mo Onyankopɔn, no.’ "

13 Anwummerɛ no, nnomaa pii bɛbuu so wɔn atenaeɛ na anɔpa no, obosuo guu ɛserɛ no so ma ɛyɛɛ fɔkyee; 14 obosuo no tuiɛ no akyire no, biribi te nsenseneeɛ bi a ɛte nkyenkyeneeɛ bɛguu asase no so. 15 Israelfoɔ no hunuiɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho , "Ɛdeɛbɛn nie?"

Na Mose buaa wɔn , "Ɛyɛ aduane a Awurade de ama mo monni no. 16 Awurade aka , Obiara mmoaboa dodoɔ biara a ɛbɛso ɔne ne fiefoɔ die ano.’ "

17 Enti, Israelfoɔ no firii adi kɔboaboaa aduane no bi ano. Ebi faa pii ɛnna ebi faa kakraa bi. 18 Wɔhwiee deɛ wɔaboaboa ano no nyinaa guu susukoraa mu no, na ɛdɔɔso obiara bɛnya bi. Wɔn a wɔnyaa pii no, ebi anka, ɛnna wɔn a wɔnyaa kakra bi no nso, ɛsoo wɔn. Efie biara nyaa ne so ne ne deɛ.

19 Mose ka kyerɛɛ wɔn , "Mommma adeɛ nkye so."

20 Nanso, ebinom yɛɛ asoɔden maa adeɛ kyee so. Adeɛ kyee so no, na adɔre nsaama ma ɛbɔn enti Mose bo fuu wɔn yie.

21 Afei, na wɔkɔtase aduane no anɔpa biara, na wɔtase dodoɔ biara a, ɛso efie biara. Na awia bɔɔ dendeenden guu so no, aduane no nyinaa naneeɛ. 22 Ɛda a ɛtɔ so nsia no, wɔtasee sɛdeɛ wɔtase no daa no mmɔho mmienu. Wɔtasee susukoraa nsia, nanso daa na wɔtase susukoraa mmiɛnsa. Mpanimfoɔ a wɔtuatua nnipa no ano no bɛbisaa Mose deɛ enti a aba saa. 23 Mose buaa wɔn , "Ɛfiri , Awurade aka ato , Ɔkyena homeda. Ɛyɛ homeda kronkron ma Awurade a ɛnsɛ yɛyɛ yɛn nnwuma biara. Enti, monnoa dodoɔ biara a mopɛ ɛnnɛ, na deɛ ɛbɛka no, monnya ma adeɛ nkye so.’ "

24 Na adeɛ kyee so no, na ɛyɛ a nsaama biara nni mu na ɛmmɔn nso. 25 Mose kaa , "Ɛnnɛ, mo aduane nie, ɛfiri , ɛnnɛ Awurade homeda enti aduane biara rentɔ ngu asase so. 26 Momfa nna nsia mmoaboa aduane ano, ɛfiri , ɛda a ɛtɔ so nson no homeda enti morennya aduane biara saa ɛda no."

27 Homeda no, nnipa no bi firii adi wɔrekɔpɛ aduane no bi, nanso na ebi nni . 28 Awurade bisaa Mose , "Saa nnipa yi bɛyɛ asoɔden akɔsi da bɛn? 29 Wɔnhunu nna nsia so no, memaa wɔn mmɔho mmienu sɛdeɛ ɛbɛso wɔn nnanu? Awurade se momfa ɛda a ɛtɔ so nson no homeda; montena mo ntomadan mu. Mommfiri adi nkɔtase aduane mfiri asase so." 30 Enti, ɛda a ɛtɔ so nson no, nnipa no homee.

31 Israelfoɔ no too aduane no edin , Mana aseɛ ne "Ɛyɛ ɛdeɛn?" Ɛyɛ fitaa wisa aba na ɛyɛ te taterɛ a ɛwoɔ mu. 32 Mose kaa asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no ɔnka nkyerɛ wɔn wɔmfa aduane no susukoraa mmiɛnsa na wɔmfa nkɔsie wɔn adekorabea afebɔɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkyirimma bɛhunu aduane a Awurade de maa wɔn dii ɛserɛ so ɛberɛ a ɔyii wɔn firii Misraim no.

33 Mose ka kyerɛɛ Aaron ɔmfa kyɛnsee na ɔmfa mana lita mmiɛnsa ngu mu na ɔmfa nsie kronkronbea bi mma nkyirimma.

34 Aaron yɛɛ sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose ɔnyɛ no na ɔkɔkoraa no Apam Adaka no mu kronkronbea . 35 Enti, Israelfoɔ dii mana yi mfeɛ aduanan kɔsii wɔduruu Kanaan asase so a ɛhɔ deɛ, na afuomduane no.

36 Omer na na wɔde susu mana no. Omer lita mmiɛnsa.

Veja também