Mose Ne Aaron Kɔ Farao Anim
1 Mose ne Aaron yɛɛ anwanwadeɛ yi kyerɛɛ mpanimfoɔ no wieeɛ no, wɔkɔhunuu Farao. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, "Awurade, Israel Onyankopɔn se yɛmmɛka asɛm bi nkyerɛ wo. Ɔse, ‘Ma me nkurɔfoɔ mfiri ha nkɔ ɛserɛ so nkɔbɔ afahyɛdwa kronkron wɔ hɔ mfa nsɔre me.’ "