Pular para o conteúdo
Publicidade

Gênesis 12

Onyankopɔn Frɛ Abraham

1 Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram , "Gya wo ɔman, wo nkurɔfoɔ ne wo agya fiefoɔ, na asase a mɛkyerɛ wo no so.

2 "Mɛma wo ayɛ ɔman kɛseɛ,

na mɛhyira wo.

Mɛma wo din atrɛ,

na woayɛ nhyira ama nnipa bebree.

3 Mɛhyira wɔn a wɔhyira wo,

na obiara a ɔdome wo no, mɛdome no.

Ɛnam wo so na wɔbɛhyira

nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa."

4 Enti, Abram kɔeɛ, sɛdeɛ Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. Na Lot ne no kɔeɛ. Ɛberɛ a Abram refiri Haran asase so akɔ no, na wadi mfeɛ aduɔson enum. 5 Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nuabarima Haran babarima Lot, nʼagyapadeɛ ne nʼasomfoɔ a ɔnyaa wɔn Haran nyinaa, siim kɔɔ Kanaan asase so.

6 Wɔfaa asase no so ara kɔsii baabi a wɔfrɛ Sekem, kɔduruu odum dua bi a ɛsi baabi a wɔfrɛ More. Ɛhɔ na wɔsii wɔn ntomadan. Saa ɛberɛ no, na Kanaanfoɔ na wɔte asase no so. 7 Afei, Awurade Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Abram ka kyerɛɛ no , "Mede saa asase yi bɛma wʼaseni." Enti, Abram sii afɔrebukyia , de kaee Awurade Onyankopɔn a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ no no.

8 Akyire yi, Abram firii , de nʼani kyerɛɛ mmepɔ bi a ɛwɔ apueeɛ fam, sii ne ntomadan . Na Bet-El da atɔeɛ fam, na Ai nso da apueeɛ fam. Ɛhɔ na ɔsii afɔrebukyia maa Awurade Onyankopɔn, sɔree no .

9 Afei, Abram dii atutena ara, kɔɔ anafoɔ fam.

Abram Ne Sarai Misraim

10 Saa ɛberɛ no, ɛkɔm kɛseɛ bi sii asase a na Abram te so no so. Enti, ɔtu kɔtenaa Misraim12.10 Nsuseneeɛ a ɛdeda Misraim no enti, ɔpɛ denden no anka no. asase so kakra, ɛfiri , ɛkɔm a ɛbaa asase no so no, na ano den yie. 11 Ɔreyɛ aduru Misraim asase so no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai , "Menim woyɛ ɔbaa a wo ho yie. 12 Misraimfoɔ no hunu wo a, wɔbɛka , Ne yere nie. Momma yɛnkum no, na yɛmfa no.13 Na woka woyɛ me nuabaa a, Misraimfoɔ no bɛhwɛ me yie, ɛfiri , wɔn ani wo ho, ɛno enti, wɔrenkum me."

14 Ɛberɛ a wɔduruu Misraim asase so no, Misraimfoɔ no hunuu , ɔbaa no ho yie. 15 Na ɔhene Farao mpanimfoɔ hunuu no no, wɔkamfoo nʼahoɔfɛ, kɔbɔɔ no amaneɛ. Enti, ɔhene Farao soma ma wɔkɔfaa ɔbaa no baa nʼahemfie . 16 Esiane ɔbaa no ahoɔfɛ enti, ɔhene Farao hwɛɛ Abram yie, maa no nnwan, anantwie, afunumunini ne afunumubereɛ, nkoa, mfenaa ne nyoma.

17 Na ɛsiane Abram yere Sarai te a na ɔte Farao ahemfie no enti, Awurade Onyankopɔn maa ɔyaredɔm baa Farao ne ne fiefoɔ so. 18 Yei enti, Farao frɛɛ Abram bisaa no , "Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Adɛn enti na woanka ankyerɛ me , ɔbaa no wo yere? 19 Adɛn enti na wokaa , Ɔyɛ me nuabaana woama maware no? saa na ɛteɛ deɛ a, gye wo yere. Wo yere nie! Fa wʼadeɛ !" 20 Na Farao hyɛɛ asraafoɔ , wɔnkɔgya Abram ne ne yere ɛkwan a wɔn fiefoɔ ne wɔn agyapadeɛ nyinaa ka ho.

Veja também