Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 16

Ismael Awoɔ

1 Saa ɛberɛ yi, na Sarai nwoo ɔba mmaa Abram. Na ɔwɔ Misraimni abaawa bi a wɔfrɛ no Hagar; 2 enti Sarai ka kyerɛɛ Abram , "Wo ara wonim Awurade ama mayɛ obonini; manwo ɔba! Mesrɛ wo, na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma."

Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so. 3 Abram tenaa Kanaan asase so mfeɛ edu akyiri no, ne yere Sarai de Misraimni abaawa Hagar no kɔmaa ne kunu no , ɔnware no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também