6 Nanso, Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ, "Ɔyɛ wʼabaawa. Deɛ wopɛ sɛ wode yɛ no biara, fa yɛ no." Ɛfiri saa ɛberɛ no, Sarai tanee nʼabaawa Hagar ani, ma ɔdwane firii ne nkyɛn.
7 Awurade ɔbɔfoɔ hunuu Hagar wɔ nsuo aniwa bi ho wɔ ɛserɛ no so. Na saa nsuo aniwa no da ɛkwan a ɛkɔ kuro bi a wɔfrɛ no Sur no nkyɛn. 8 Ɔbɔfoɔ no bisaa Hagar sɛ, "Sarai abaawa Hagar, wofiri he, na worekɔ he?"
Hagar buaa no sɛ, "Meredwane afiri mʼawuraa Sarai nkyɛn."