Publicidade

Gênesis 17

3 Abram de nʼanim butuu fam, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no , 4 "Me fa mu deɛ, saa apam yi na ɛda me ne wo ntam: wobɛyɛ aman bebree agya. 5 Wɔremfrɛ wo Abram bio. Wɔbɛfrɛ wo Abraham, ɛfiri , mayɛ wo aman bebree agya. 6 Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso. Wɔbɛyɛ amanaman bebree na ahemfo nso afiri wɔn mu. 7 Mɛma mʼapam no ayɛ daapem apam a ɛbɛda me ne wo ne wʼasefoɔ ne awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no ntam. Na mɛyɛ wo ne wʼasefoɔ Onyankopɔn. 8 Mede Kanaan asase a ɛnnɛ wote so ɔhɔhoɔ no nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no nyinaa. Ɛbɛyɛ asase a ɛyɛ wʼagyapadeɛ afebɔɔ. Na mɛyɛ wɔn Onyankopɔn."

9 Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham , "Wo deɛ, ɛsɛ wo ne wʼasefoɔ ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no di mʼapam no so. 10 Yei ne mʼapam a ɛda me ne wo ntam a ɛsɛ wo ne wʼasefoɔ ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no di so. Ɛsɛ wɔtwa ɔbarima biara twetia. 11 Ɛsɛ motwa twetia. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛda me ne mo ntam no ho nsɛnkyerɛnneɛ.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-