23 Afei, Abraham twe bɛn Onyankopɔn bisaa no sɛ, "Wobɛsɛe nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ nyinaa afra anaa? 24 Na sɛ nnipa tenenee aduonum wɔ kuro no mu a wobɛsɛe kuro no a worenhwɛ saa nnipa tenenee aduonum no ho nnyae kuro no sɛeɛ? 25 Ɛmpare wo sɛ wobɛyɛ saa, sɛ wobɛkum nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ afra, de asotwe korɔ no ara bɛma nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ. Ɛmpare wo! Deɛ ɔbu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntenenee anaa?"
26 Na Awurade kaa sɛ, "Sɛ mehunu nnipa tenenee aduonum wɔ Sodom kuro no mu a, wɔn enti, merensɛe kuro no."
27 Na Abraham bisaa sɛ, "Afei, me a meyɛ nsõ ne dɔteɛ a mensɛ hwee, nanso masi me bo ne Awurade akasa yi, 28 sɛ ɛba sɛ nnipa tenenee no dodoɔ yɛ aduanan enum nso ɛ? Esiane saa nnipa enum a wɔafiri nnipa tenenee aduonum no so ama aka nnipa tenenee aduanan enum no enti, wobɛsɛe kuro mu no nyinaa anaa?"
Onyankopɔn buaa sɛ, "Sɛ mehunu nnipa tenenee aduanan enum wɔ kuro no mu a, merensɛe no."
29 Abraham toaa nʼadebisa no so sɛ, "Sɛ ɛba sɛ, nnipa tenenee aduanan pɛ na wɔwɔ kuro no mu ɛ?"
Na Awurade buaa Abraham sɛ, "Nnipa tenenee aduanan no enti, merensɛe kuro no."
30 Abraham kɔɔ so srɛɛ bio sɛ, "Mesrɛ wo, Awurade, mma wo bo mfu me, ma menkasa. Sɛ ɛba sɛ nnipa tenenee aduasa na wɔwɔ kuro no mu nso ɛ?"
Awurade buaa sɛ, "Sɛ mehunu nnipa tenenee aduasa a, merensɛe kuro no."
31 Afei, Abraham bisaa sɛ, "Masi me bo ne Awurade akasa yi, ɛba sɛ nnipa tenenee aduonu pɛ na wɔwɔ kuro no mu ɛ?"
Onyankopɔn buaa sɛ, "Saa nnipa tenenee aduonu no enti, merensɛe kuro no."
32 Abraham kɔɔ so bisaa sɛ, "Ao, Awurade, mma wo bo mfu me; ma memmisa mʼasɛm baako pɛ a ɛtwa toɔ. Sɛ ɛba sɛ, nnipa tenenee edu na wɔwɔ kuro no mu nso ɛ?"
Awurade buaa sɛ, "Saa nnipa tenenee edu no enti, merensɛe kuro no."
33 Ɛberɛ a Awurade ne Abraham kasa wieeɛ no, ɔgyaa Abraham hɔ kɔeɛ. Abraham nso sane kɔɔ nʼatenaeɛm.