Publicidade

Gênesis 21

Isak Awoɔ

1 Afei, Awurade hunuu Sara mmɔbɔ, sɛdeɛ ɔhyɛɛ no no. 2 Sara nyinsɛneeɛ, na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham ne nkɔkoraaberɛm, ɛberɛ a Awurade hyɛɛ no no mu pɛpɛɛpɛ. 3 Abraham too ɔbabarima a Sara woo no maa no no edin Isak, a aseɛ ne Sereɛ. 4 Ɛberɛ a Isak dii nnawɔtwe no, ɔtwaa no twetia, sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no. 5 Wɔwoo Isak maa Abraham no, na wadi mfeɛ ɔha.

6 Afei, Sara kaa , "Onyankopɔn ama masere. Na obiara a ɔbɛte saa asɛm yi ne me bɛbom asere." 7 Sara ka kaa ho , "Hwan na ɔsoo ho daeɛ ka kyerɛɛ Abraham , Sara bɛwo mma. Nanso, ne nkɔkoraaberɛm yi, mawo ɔbabarima ama no."

Wɔpam Hagar Ne Ismael

8 Abɔfra no nyiniiɛ, ma wɔtwaa no nufoɔ. Ɛda a wɔtwaa Isak nufoɔ no, Abraham too ɛpono kɛseɛ. 9 Nanso, Sara hunuu , ɔbabarima a nʼafenawa Misraimni Hagar woo no maa Abraham no redi Isak ho . 10 Enti, Sara ka kyerɛɛ Abraham , "Pam saa afenaa yi ne ne babarima yi firi ha; na Isak ne saa afenaa babarima yi nni wʼagyadeɛ biara mu kyɛfa."

11 Abraham tee saa asɛm no, ɛsiane ne babarima Ismael enti, ne werɛ hoo yie. 12 Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham , "Mma wo babarima Ismael ne wʼafenaa Hagar ho asɛm no nnha wo bebree. Asɛm biara a Sara bɛka akyerɛ wo no, tie, ɛfiri , Isak so na wɔnam bɛkan wʼasefoɔ. 13 Mɛma afenaa no babarima Ismael no nso asefoɔ ayɛ ɔman kɛseɛ, ɛfiri , ɔno nso wʼaseni."

14 Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, Abraham faa aduane ne nsuo a ɛgu aboa nwoma mu, de maa Hagar. Ɔde aduane no ne nsuo no sisii Hagar mmati so, ka kyerɛɛ ɔne ne ba Ismael no , wɔnkɔ. Ɔfirii kɔkyinkyinii Beer-Seba ɛserɛ so a na ɔnhunu baabi a ɔrekɔ.

15 Nsuo a ɛwɔ aboa nwoma no mu saeɛ no, ɔde ne babarima no kɔhintaa wira no mu baabi. 16 Afei, ɔkɔtenaa akyiri baabi a woto ɛboɔ a ɛbɛtɔ, kaa , "Merentumi nhwɛ abarimaa no bɛwu." Na ɛberɛ a Hagar te saa no, ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ.

17 Onyankopɔn tee abarimaa no resu. Onyankopɔn ɔbɔfoɔ frɛɛ Hagar firi soro bisaa no , "Hagar! Asɛm bɛn na ɛha wo? Nsuro, ɛfiri , Onyankopɔn ate abarimaa no su baabi a ɔda no. 18 Pagya abarimaa no, ɛfiri , mɛma no ayɛ ɔman kɛseɛ."

19 Afei, Onyankopɔn buee Hagar ani, ma ɔhunuu subura bi. Ɔde aboa nwoma no kɔsaa nsuo ma, ɛnna ɔmaa abarimaa no bi nomeeɛ.

20 Onyankopɔn adom enti, abarimaa no nyiniiɛ. Ɔtenaa ɛserɛ no so hunuu agyantoɔ yie. 21 Ɛberɛ a ɔte Paran ɛserɛ so no, ne maame kɔfaa ɔbaa firi Misraim asase so de no brɛɛ no awadeɛ.

Abraham Ne Abimelek Apam

22 Saa ɛberɛ no mu, ɔhene Abimelek ne ne sahene Pikol baa Abraham nkyɛn bɛka kyerɛɛ no , "Biribiara a woyɛ no, Onyankopɔn ka wo ho. 23 Enti afei, di nse ka ntam Onyankopɔn anim kyerɛ me ha , worentwa me mma anaa mʼasefoɔ nkontompo. Saa ayamyɛ a mayɛ wo no, saa ara na fa me ne ɔman a wote so ɔmamfrani no."

24 Abraham penee so , "Meka saa ntam no!"

25 Afei, Abraham de subura bi a Abimelek nkoa de aniɛden afa no ho asɛm kɔtoo Abimelek anim. 26 Nanso, Abimelek kaa , "Mennim onipa ko a ɔyɛɛ saa adeɛ no. Woammɔ me ho amaneɛ. Ɛnnɛ na mate saa asɛm yi."

27 Enti, Abraham de nnwan ne anantwie brɛɛ Abimelek. Na mmarima baanu yi de yɛɛ apam. 28 Abraham yii nnwanten mma abereɛ nson firii nnwankuo no mu gyinaa fa. 29 Na Abimelek bisaa Abraham , "Nnwanten mma abereɛ nson a woayi wɔn agyina fa yi ase kyerɛ sɛn?"

30 Abraham buaa , "Nʼasekyerɛ ara ne , ɛyɛ akyɛdeɛ a mede rema wo de adi adanseɛ , me na metuu saa abura yi."

31 Ɛfiri saa ɛberɛ no rekorɔ no, wɔfrɛɛ saa abura no, Beer-Seba a aseɛ ne Ntanka Abura, ɛfiri , ɛhɔ na wɔn baanu yɛɛ apam no.

32 Wɔyɛɛ apam no wiee Beer-Seba no, ɔhene Abimelek ne ne Sahene Pikol sane kɔɔ Filistifoɔ asase so. 33 Abraham nso duaa dua bi a wɔfrɛ no ɛsɛnteɛ abura no ho Beer-Seba. Ɛhɔ na daa na ɔsom Awurade teasefoɔ no. 34 Abraham tenaa Filistifoɔ asase no so ɔmamfrani nna bebree.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-